Akwantuo fri Gaana kɔ Germany

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ghanafo tu kɔtena Gɛɛmani hyɛɛ aseɛ wɔ afe apem nkron aduonum (1950) berɛ a Gɛɛmani atɔeɛ afa mu de nhyehyɛe baa sɛ asukuufoɔ awɔn wɔ Abibirim ha sɛ wɔbɛtumi akɔ Gɛɛmani akɔtoa wɔn adesua so. Saa nhyehyɛe wei maa asukuufoɔ no nimdeɛ a ɛho bɛhia ɔman a ofiri wɔ berɛ wobɛsan akɔ wɔn kurom.

Wɔ afe apem mmienu ne nkron (2009) mu no, na Ghanafoɔ bɛyɛ mpem aduanan (40,000) na wɔn wɔ tu kɔtena wɔ Gɛɛmani asetena mu. Ghanafoɔ a, wɔn wɔ tu kɔtena Gɛɛmani asetena mu ne wɔn a, ofiri Ghana na ɔnam mmra kwan so adane Gɛɛmanfoɔ, awoɔ ntoa ntoasoɔ a, ɛtɔ so mmienu ne mmiensa nso danee Gɛɛmanfoɔ. Mmɔfra a wɔfiri aman ahodoɔ mmienu so no de ɛnnyɛ wɔn pɛ sɛ wɔ yɛ tu kɔtena no bi Sɛ deɛ Deutsche Gasellschaft fur Techniscle Zusammensrbit (GTZ) kyerɛ no. GTZ ma yɛ t’ase sɛ, amanfrafoɔ a, mmra mma wɔn ho kwan sɛ ɔtena anaa sɛ mpo ɔba ɔman no mu adɔɔso para. Wɔn nso a wɔ wɔ nkrataa a,mmra ma ho no nso no wɔmma wɔn baabi ntena wo berɛ a wɔn mmrɛ atwam.

Nneɛma ne Botaeɛ a ɛde Tu kɔtena ɛba.[sesa]

Sikasɛm mu haw, ntɔkwako, mente me ho ase a, ɛwɔ abusuakuo mu, ne abrabɔ mu amanehunu abɛyɛ botaeɛ nti a, nnipa pii firi wɔn man mu . Ahɔhoyɛ gyinabea ayɛ hu paa wɔ wiase afaana nyinaa. Afe biara mu nso ɛkɔ soro afe biara mu .

Sikasɛm, ohia, ne sɛ deɛ nnipakuo adɔɔso wɔ faako no nso ka botaeɛ nti a, dodoɔ naa firi wɔn fie anaa wɔn ɔman mu.

Ghana ɛrekɔ Gɛɛmani Tu kɔtena mu ahorow[sesa]

Tu kɔtena mu ahorow mmiɛnsa na yɛ bɛtumi anya afiri abakɔsɛm a ɛwɔ Ghanafoɔ tu kɔtena Gɛɛmani mu. Eyinom bi ne Adesua mu Tu kɔtena, Ahobanbɔ mu tu kɔtena, ne Tu kɔtena a, ɔde ka abusua saa bomm. Ghanafoɔ wɔn wɔ tu kɔtena mu ntaa nya  adwumayɛ mu akwanya.

Adesua mu Tu kɔtena[sesa]

Adesua mu tu kɔtenafo pii naa tu kɔ ɔman a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ aberɛ a wɔn awie wɔn adesua no wɔ Gɛɛmani.

Ahobammɔ ho tu kɔtena[sesa]

Tu kɔtenafo a onya saa akwannya yi wie akyire bɛ yɛ Gɛɛmanfoɔ adehye afebɔɔ. Efiri mfeɛ apem,aha nkron aduoson (1970) mu sikasɛm mu haw ne amanwɔsɛm mu mente me ho ase trɛw dodoɔ a, ofiri Ghana sɛ ɔrekɔpɛ ahobammɔ no mu wɔ amanone ne aman foforɔ a, ɛwɔ yɛn abibirem mu ha.

Nnipa dodo mmra gye wɔn tum sɛ otumi firi Ghana ba Gɛɛmani no nnuru ɔha nkyekyem baako mpo. Sɛ deɛ mpanyinfo bu tu kɔtenafo a, ofiri Ghana sɛ ɔyɛ sikasɛm mu ahohoɔ no. Nnipa ɔha ne du mmienu (112) pɛ na mmra gyee wɔn tuu mu sɛ ahohoɔ wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe mmiɛnsa (1983) ne afe mpem mmienu ne nson (2007) ntɛm.

Abusua nkabom[sesa]

Saa atukɔfoɔ yi taa wie aseɛ sɛ wɔn a wɔnya ho kwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ. Gaanafoɔ bɛboro nkyemu nnan mu baako na wɔnam abusua nkabom akwantuo so kɔ German.

Kwan pa ne Kwati kwan akwantuo kɔ German[sesa]

German akwantuo tumi krataa

Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) so kyerɛ kwan pa so akwantuo no sɛ ɛyɛ nea agyina ɔman a kwantufoɔ no fi, ɔman a ɔbɛfiri ne ɔman ɔrekɔ mu no akwantuo mmra no hyia. IOM san kyerɛ Kwati kwan so ɛyɛ akwantuo a ɛne atukɔ, amanaman ntam mmra ne nhyehyɛe a ɛbata akwantuo fi ɔman a ofiri mu, ne ɔman a ɔrekɔ mu no bɔ abira.

Akwan wɔ hɔ ma akwantufoɔ sɛ wobɛfa kwan pa and kwati kwan so akɔ.

Kwan Pa So Fa[sesa]

German Aban Asoeɛ kyerɛ kwan pa a obi betumi afa so atu kwan gyina atirimpɔw nti a ɔrekɔ no.Kwan Pa so fa no kyerɛ sɛ wobenya akwantuo no tumi krataa.

Berɛ Tia Akwantuo Tumi Krataa

German aban ananmusifo adwumayɛbea kyerɛ ɔkwan a obi nsa bɛka berɛ tia Europa Schengen aman akwantuo tumi krataa (nnafua 90 wɔ nnafua 180) ntam wɔ German (ne Europa aman a ɛwɔ Schengen nsaase so sɛ ɔrekɔ nsrahwɛ, rekɔyɛ adwuma. Akwammisa nkrataa wɔhɔ a ɛsɛ sɛ onii no hyehyɛ., wo ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia . German aban ananmusi asoeɛ a ɛwɔ Nkran (Accra) de nkrataa a ɛhia anaa wobisa fi obi a ɔrekɔpɛ akwantuo tumi krataa .

Berɛ Tenten Akwantuo Tumi Krataa

Aban ananmusi asoeɛ kyerɛkyerɛ berɛ tenten akwantuo tumi krataa mu ma asukuufo, abusua nkabom, adwumayɛ akwantuo tumi krataa ne nea ekeka ho, ne emu biara ahwehwɛde, abusua nkabom .

Akwantuo tumi krataa ahwehwɛde ne 3ho ka[sesa]

Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no wɔ akwantuo nkrataa (passport) Ɛbeboro nna dodow a obedi wɔ German no bɛyɛ abosome mmiensa ansa na awu. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ kratafa mmienu na hwee nni so akwantuo nkrataa (passport) na afei ɛyɛ nea ne nsa kaa no mfe 10 ntam. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nso hia n’awoda ho adanse krataa ne mfoni ketewa a akyi fitaa a ɔtwaa nkyɛe. EuroHealth ayaresa nsiakyibaa a ɛbɛbɔ ne ho ban nna dodow a ɔbetena na ɛyɛ nea Schengen aman no nyinaa gye tom. Nea etwatoɔ no, sikasɛm adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ebetumi aso no nna dodow a ɔbedi no nso wobehwɛ ansa. Nea a wɔrekɔbisa hokwan no de wɔn nsa hyɛ German Atutena Nhyehyeɛ ɔfa 54 nkyekyem 2 nea ɛtɔ so 8 krataa no ase. Akwantuo tumi krataa nhyehy3e no ho ka yɛ Euro 60.00 (GH₵ 382).

Akwantuo no atirimpɔw na ɛbɛkyerɛ ahwehwɛde foforo a ɛbeka ho

Sɛ nsrahwɛ tumi krataa nso a, onii no abusuabɔ ho adanseɛ ho hia. Nea ɔsrafo no reba ne nkyɛn no de ne nsa hyɛ nsatoɔ krataa no ase na ɔde ne akwantuo nkrataa (passport) ne tumi krataa a ɛma no hokwan a ɔde te ɔman no mu bi ma nea a ɔrekɔbisa hokwan .

Sɛ ayaresa nti a, ɛsɛ sɛ nea a ɔrekɔbisa hokwan no de n'ayaresa sikasɛm ho adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ ne ɛhɔ tena ka ne lɛtɛ a dɔkota a ɔhwɛɛ no nso kyerɛ. Nea a ɔrekɔbisa hokwan san hia krataa a efi German asopiti anaa dɔkota a woagye apene sɛ ɔbehwɛ ɔyarefoɔ no.

Sɛ adwuma nso a, wɔn a wobebisa hokwan no hia nsatoɔ krataa fi adwumakuw a ɛwɔ German no ne krataa a adwumakuw a ɔte mu no na wɔkyerɛw botae pɔtee nti ɔretukwan no. ɛsɛ sɛ, German dwumakuw no din wɔ ɔman no aguadi nhoma mu. .

Sɛ nteteɛ anaa kasa foforo adesua nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi German ahyehyɛde a ɛkyerɛ sɛ woagye no berɛ a ne nkrataasɛm nyinaa yɛ papa no.

Sɛ amamerɛ, agudie, sinitwafoɔ, anaa nyamesom atirimpɔw nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi mpanyinfoɔ a wɔn a wɔne wɔn bedi dwuma nyinaa ne nea wɔbɛyɛ nyinaa wɔ so.

Kwati Kwan Akwantuo[sesa]

A boat with migrants, off the Libyan coast.
Suhyɛma a ɛde atuk)fo nam Libya po so.

Kwati kwan akwantuo fi Afrika kɔ Europa yɛ asɛm a ɛho hia. Atukɔfo no dodow a wɔfa saa kwan bɔne so yi fi Afrika wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu na wɔfa saa kwan yi so rekɔpɛ yiyedie. Atukɔfoɔ fa Afrika Atififam, titiriw Libya, na beaeɛ pɔtee a wɔnam kwan bɔne so fa hɔ kɔ Europa. Wɔde hyɛmma twa Mediteranea Po no. Ebinom nso fa Spania nsaase Ceuta ne Melilla, de wɔn nkwa to asiane mu. Wɔn a wɔdaadaa nipa de wɔn kɔ Europa nso afa so de ayɛ wɔn gua.

Ayɛwohomumɔ (June) 2019 mu no, Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) buu akontaa sɛ bɛyɛ nnipa dodow 555 a wɔfa Mediteranea Po akwan mmiɛnsa so kɔ Italy, Malta ne Cyprus na wɔhwerew wɔn nkwa. Ebeduu Ɔpɛnimma (Decmber) 2019 mu no, nnipa dodow bɛyɛ 738 na nsuo faa wɔn, wɔyɛɛ wɔn ayayade, nna mu ayayade, ɛkɔm, yareɛ, ne ayaresa a woannya ne wɔn mu nsu a ayow nti wowuwui.

Ɛmfa ho sɛ, asomdwoe wɔ ɔman yi mu no, Gaanafoɔ na amaneɛbɔ kyerɛ sɛ wodi mu atentenman wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Europa no. Gaanafoɔ bɛyɛ 5,636 na wɔnam po so kɔɔ Italy afe 2016 mu. Wɔ 2017 mu no, Brong Ahafo mantam a mprenpren woakyɛm amantam mmiensa, Ahafo, Brong ne Bono Apueɛ, na na wɔn dodow dɔɔso paa. Gaanafoɔ 4,092 a wofii Libya bae no, nnipa dodow 1,562, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 38.17 na na wofi Brong Ahafo. Asante mantam nyaa 601, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 13.63.

Deportation of african asylum seekers

Wɔbɔ nnipa dodow no ara a wɔpɛ sɛ wɔtena Germany no ba esiane guankɔbea a wɔkɔ hwehwɛ, ne abusua nkabom hokwan a wɔkɔ pɛ a anyɛ yiye nti. Guankɔbea ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa ka ahobanmmɔ anan no mu baako no nyaa hokwan tena. Mpɛn pii no ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa nka no ntumi ma nyinasoɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtaa wɔn anaa basabasayɛ rekɔ so wɔn aman mu. Nnipa a sikasɛm mu tebea nti wɔtu kɔ German no nyɛ aguanfoɔ. Afei nso, sɛ obi firi Europa Nkabomkuo ɔman baako mu rekɔ ɔfoforo mu a, ɔrentumi nhwehwɛ guankɔbea biom. .

German nso boaa atukɔtenafo a wopɛ sɛ wɔkɔ wɔn nkyi bi nom.

Nhoma a woyii nsɛm fii mu[sesa]