Jump to content

Akwamufie Ahenfie

Ɛfi Wikipedia

Akwamufie Ahenfie yɛ Akwamuhene atenaeɛ. [1] Saa ahenfie yi mu na Akwamuhene, Odeneho Kwafo Akoto III ne n'abusua te na wɔsane frɛ no Bogyawe Ahenfie. Ahenfie yi wɔ Farao nsuotene a ɛwɔ Apuieɛ Manatam no agya. Ahenfie yi wɔ baabi wɔkora tete nneɛma so ne baabi a nnipa pii ba bɛhwɛ atete amammerɛ ho nneɛma. Nneɛma a ɛwɔ akoraeɛ yi bi ne Christianborg Castle no safoa a Akwamufoɔ faa no afe 1693 mu. Abakɔsɛm atwerɛfoɔ ka sɛ saa berɛ no na Nana Asamani na na ɔdi adeɛ. Ade foforɔ a ɛwɔ saa akoraeɛ yi ne Akwamuhene akotaadeɛ a wɔde gyata honam ayɛ a yɛfrɛ no Mahony nso wɔ hɔ. [2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.academia.edu/download/78288528/70320295.pdf
  2. R. Ohene-Larbi (2017-10), The Christiansborg Keys In Akwamu State Regalia: A Material Culture Analysis (in English), retrieved 2025-09-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)