Akushika Acquaye
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akushika Acquaye yɛ nsɛntwerɛni ma GTV dawurubɔ adwumakuo a ɛwɔ Ghana. Ɔyɛ nsɛntwerɛni a wakyɛre wɔ nsɛntwerɛ dwumadie mu yie pa ara.[1]
Akushika Acquaye | |
---|---|
Awo bere | 26th December |
Sukuu a w'akɔ | Achimota School, Ghana Institute of Journalism, City University, London |
N'adwuma | Broadcaster, Journalist |
Years active | 1980s–present |
N’adwuma
[sesa]Akushika hyɛɛ ne nsɛntwerɛ adwuma ase firii afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980s) mu. Ɔhyɛɛ ne nsɛntwerɛ dwumadie ase wɔ dawurubɔ adwumakuo a kane no na yɛfrɛ no GBC TV a seesie no ɛyɛ GTV wɔ afe apem ahankron ne aduokron (1990s) mu, sɛ obi a ɔbɔ dwumadie ho nkae wɔ akasafidie ne tɛlɛbihyɛn so.
Akushika da so ara di dwuma wɔ GTV a mprenpren yi deɛ ɔyɛ GTV dawurubɔ fa no panini.[1]
Abasobɔdeɛ
[sesa]- Afe mpem mmienu ne dunan (2014) mu no, Television Awards Ghana dwumadie a wɔhyehyɛ de bɔ nnipakuo, adwumakuo ne ankorɛankorɛ a wɔdi dwuma wɔ tɛlɛbihyɛn so no, wɔbɔɔ Akushika Acquaye abaso sɛ dawurubɔni a ɔdutwam wɔ dawurubɔ mu (Outstanding News Anchor).[2][3]
- Wɔ afe mpem aduonu ne dunum (2015) mu nso no, Akushika sane gyee abasobɔdeɛ a yɛto din wɔ brofo kasa mu sɛ Outstanding News Anchor ma GTV bere a wɔhyehyɛɛ Television Awards Ghana wɔ afe mpem mmienu ne du num m (2015) no mu.[4]
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ 1.0 1.1 Akushika Acquaye; a role model for Television Broadcasters in Ghana (in American English), 2023-08-13, retrieved 2025-03-27
- ↑ "Full list of winners of Television Awards Ghana", GhanaWeb (in American English), 2014-10-12, retrieved 2025-03-27
- ↑ Ghana Review International - A Free News agency for Ghanaian News, retrieved 2025-03-27
- ↑ "Television Awards Ghana 2015: Full list of winners", GhanaWeb (in American English), 2015-08-15, retrieved 2025-03-27