Akuaba(Adinkra)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Akuaba yɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne a agye din pa ara wɔ Ghana no mu baako. Ne nkyerɛaseɛ no da Akanfoɔ, Ghanafoɔ ne Cote d'Iviorefoɔ binom abakɔsɛm ne wɔn amammerɛ adi. Akuaba yɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ ahoɔfɛ, awoɔ ne ahobammɔ. Akuaba no ankasa taa yɛ dua bi wɔasene no fɛfɛɛfɛ. Kane no, na mmaa a wɔrepɛ awoɔ na wɔtaa de akuaba kita.[1]
Nsɛnkyerɛnne no Nkyerɛaseɛ ne Deɛ Ɛgyina hɔ ma
[sesa]Woba Ghana ne Akanman mu titire a, Akuaba gyina hɔ ma awoɔ sɛdeɛ yɛadi kan aka no. Ne bɔbea te sɛ dua kɛseɛ bi a wɔasene. Wɔasene ne ti ne ne nsa sɛ onipa deɛ. Ɛgyina hɔ ma awoɔ, abaatanyɛ ne awoɔ ntoatoasoɔ. Ɛsan nso gyina hɔ ma ɔdɔ a ɛda abɔfra bi ne ne na ntam. Ɛyɛ fɛ nti, wɔde gyina hɔ ma ahoɔfɛ nso. Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn a, ɔtumi de akuaba no bi di agorɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo a ne ba no ho bɛyɛ fɛ.[1] Nnwuma a saa saa nsɛnkyerɛnne yi di mu akotene no bi ne duasene, ntomayɛ ne adwini ho nnwuma nkaeɛ bi.[2] Ɛkae Akanfoɔ wɔn amammerɛ ne wɔn amanneɛ.
Ɛho Abakɔsɛm
[sesa]Akuaba nsɛnkyerɛnne no kɔfabae ne Akanfoɔ, titiriw, Asantefoɔ. Na wɔde yɛ awoɔ ho amanneɛ. Na mma de de anhweneɛ ne ade siesie akuaba a wɔde dua asene ho fɛfɛɛfɛ de di agorɔ berɛ a wɔrepɛ awoɔ anaa wɔafa yafunu a wɔpɛ sɛ wɔwo a wɔn mma ho yɛ fɛ. Na wɔtumi de srɛ asomdwoɛ awoɔ.[3] Ɛberɛ rekɔ n'anim no na Akuaba bukaa adinkra nsɛnkyerɛnne ahodoɔ no ho a na wɔde gyina hɔ ma ahoɔfɛ.[1]
Ne Dwumadie wɔ Abɛɛfoberɛ yi
[sesa]Ɛnnɛ yi, Akuaba nsɛnkyerɛnne no da so yɛ adwini a Akanfoɔ nni ho agorɔ koraa. Wɔde to ntaadeɛ ne adwinnie ahodoɔ mu, sɛ ebia, agudeɛ(jewelry) de gyna hɔ ma hobammɔ, awoɔ ne ahoɔfɛ. Ɛrekame ayɛ sɛ, ne tete dwumadie no nsesaeɛ na mmom trɛ na atrɛ. Ɛnam so rekora yɛn amammerɛ, abakɔsɛm ne yɛn nananom suahunu a wɔde afa anosɛm kasadwini so ato hɔ agya hɔ nkyirimma.[4]
Asɛmfua ''Akuaba'' Abɔseɛ
[sesa]Asɛmfua ''Akuaba" firi Akan nsɛmfua mmienu m: "Akua,"-din a wɔde ma ɔbaa a wɔwoo no Wukuada ɛna "ba,"-abɔfra bi a obi awo no. Ne mmienu nyinaa ka bom a yɛrepɛ akyerɛ ɛba bi a ɔbaa bi a yɛfrɛ no ''Akua'' awo no anaa ɔpɛ sɛ ɔwo no .[5]
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- 1 2 3 Rattray, R. S. (Robert Sutherland) (1969). Religion and art in Ashanti. Internet Archive. London: Oxford University Press.
- ↑ Adams, Monni (September 1989). "African Visual Arts from an Art Historical Perspective". African Studies Review. 32 (2): 55. doi:10.2307/523970.
- ↑ Herbert M. Cole and Doran H. Ross (1977-01-01). The Arts of Ghana. Internet Archive. Museum of Cultural History, University of California.
- ↑ Art, TingaTinga African. "Motifs in African Paintings". TingaTinga African Art (in English). Retrieved 2025-05-19.
- ↑ "Smarthistory – Akua'ba Female Figure (Akan peoples)". smarthistory.org. Retrieved 2025-05-19.