Akrobeto
| Akrɔbɛto | |
|---|---|
| Awoda | Ɔbubuo 18, 1962 |
| Ɔman | Ghana |
| Aban | Ghana |
| Adwuma | Siniiyifoɔ, TV so ɔyɛkyerɛfoɔ, nsɛnkwaayini |
| Ɔhokani | Georgina Johnson |
| Mma | 3 |
Akwasi Boadi (wɔwoo no Ɔbɛnem 18,1962), [1] a wɔfrɛ no Akrobeto (wɔtwerɛ no yie sɛ Akrɔbɛto), yɛ Ghana siniiyifoɔ, nsɛnkwaayifoɔ ne TV so ɔyɛkyerɛfoɔ . W'adi dwuma pii wɔ Kumawood sini bɛboro ɔha (100) mu. Adeɛ baako a ɔmanfoɔ de nim no yie ne ne hwene soronko a ɛyɛ keseɛ no. [2] Akwasi Boadi yɛ obi a wɔnim no wɔ showbiz adwumayɛ mu sɛ Akrɔbɛto. Esiane n’aseresɛm nti, nnansa yi ara amanaman ntam nnipa agye no ato mu. CNN ne amanaman ahodoɔ so kaseɛbɔfoɔ ne TV so ayɛkyerɛfoɔ bebree de ne nsɛnkwaa no bi adi dwuma.
N'asetena Mfitiaseɛ
[sesa]Wɔwoo Akrɔbɛto wɔ Ɔbɛnem 18, 1962 wɔ Ayirebi a ɛwɔ Ofoase Ayirebi mansini mu wɔ Ghana Apuei mantam mu. Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ sukuu adesua ase wɔ Akyem Ayirebi L/A Primary and Middle School, na ɔwieeɛ wɔ afe 1979 mu. [1] Ɛwom sɛ wantumi antwa ne mfimfini sukuu adesua nsɔhwɛ no, nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma aseresɛm ne siniiyie no maa nkurɔfoɔ ani gyee ne ho na wɔdɔɔ no wɔ ne mpɔtam hɔ. [3] Ɔno na ɔyɛ akumaa wɔ ne nuanom dubaako (11) a wɔwoo wɔn mu, ɛwɔ mu sɛ wɔn mu du (10) awuwu deɛ. [4] Wantumi antoa ne nwomasua so. [5] Ɔyɛ obi a n'ani gye bɔɔlbɔ ho yie [1].
Adwumasɛm
[sesa]Berɛ a odii mfeɛ dunwɔtwe (18) no, ɔfirii ne kurom kɔɔ Ɔsomafoɔ Kwadwo Sarfo a ɔka Kristo Asafo Band no ho nkyɛn wɔ Accra, berɛ a nnwomtofoɔ kuo no kɔsraa Akyem Ayirebi kɔyɛɛ wɔn kɔnsɛte apontoɔ a wɔtaa yɛ wɔ kuro no mu no. [1] Ɔtenaa Kristo Asafo nnwomtofoɔ kuo no mu, na ɔne wɔn yɛɛ kɔnsɛte apontoɔ afoforo pii wɔ afe 2000 ne mfeɛ kakra a edi akyire no mu wɔ Keysoap Concert Party akansie "who is who" a na agye din ankasa wɔ saa nna no mu. Wɔ afe 2008 mu no, ɔfirii aseɛ yɛɛ adwuma wɔ Kumawood sini ahodoɔ mu. [6] Mprɛmprɛn yi, ɔno na ɔdi ‘The Real News’ a ɛyɛ TV so dwumadie no ho kyeame wɔ UTV [7] so. Ɔhyɛɛ saa dwumadie yi ase wɔ afe 2018 mu, na ɔda so ara wɔ wɔn nkyɛn de besi nɛ, berɛ a ɔda so ara di dwuma wɔ Ghana siniitwa adwuma no mu. [1]
Ɔbɛgyee din ɛnam YouTube nti, na Ɔbubuo bosome a ɛwɔ afe 2020 mu no, ne kaseɛbɔ nketenkete a na ɔde Europe bɔɔlobɔ akansie nsunsuansoɔ reto dwa wɔ aseresɛm ne nsɛnkwaa kwan so no bɛhyetaɛ. [8][9] Sɛnea ɔsi bɔɔ bɔɔlobɔkuo Chelsea sahene César Azpilicueta din fommeɛ no maa Spain bɔɔlobɔni no de mmuaɛ too dwa wɔ Twitter so, na ɔde sɛnea wɔsi bɔ ne din no yie too dwa, na saa asɛm yi maa nnipa pii bɛhuu Akrɔbɛto.[10] Aseresɛm ne ɔyɛkyerɛ dwumadie ahodoɔ bi te sɛ Helafoɔ aseresɛm dwumadie Radio Arvyla ne afoforɔ ayi sinii nketewa ahodoɔ a na ɛyɛ Akrobeto kasa ho aseresɛm. Na saa dwumadie yi mu no, wɔtae yi Akrɔbɛto aseresɛm bebree, na ne mfonyini nso pue wɔ "Top Epikairotitas" aseresɛm dwumadie no dawurobɔ nkaeɛ so. Ebiom nso, Radio Arvyla Yawoada dwumadie de nsɛnkwaa kaseɛbɔ na etwa dwumadie no to, na wɔde efie nsɛm ahodoɔ to dwa wɔ sɛnea Akrɔbɛto yɛ no no, na wɔde Akrɔbɛto mfonyini to dwumadie no so.[11]
Wɔkyerɛe sɛ Bayer Leverkusen ne TV dwumadibea afoforɔ a ɛwɔ Spain ani gyee ne ho. Patrice Evra frɛɛ no N'golo Kante wɔfa. [12] Ɔno na ɔyɛɛ 3Music Awards dwumadie a ɛtɔ so nan a wɔyɛeɛ wɔ Accra International Conference Centre ho kyeame. [13]
N'asetena mu nsɛm
[sesa]Akrɔbɛto aware Georgina Johnson, na ɔwɔ mma mmiensa.[6] Ɔyɛ adwumakuo ananmusini ma BestPoint Mobile Banking. [14]
Siniiyie
[sesa]- The Return of Jamal(2022)
- Heroes of Africa: Tetteh Quarshie (2020)
- Away Bus (2019) sɛ Inspector Yeesu
- Things we do for love
- Chain Of Death
- Akwansidie (2018) sɛ Okyere
- Empress (2017) sɛ Baba
- Na me nnim (2016) sɛ Boakye
- Ama Pooley (2015) sɛ Adu
- Ohia Asoma Wo (2014) sɛ Owura Badu
- Girls Kasa (2013) sɛ Frenchman
- King Kong (2011) sɛ Agya Ntimoah
- Bediahene (2010) sɛ Nana Kwatah
Abasobɔdeɛ
[sesa]Wɔ Ɔbɛnim bosome wɔ afe 2021 mu no, ɔgyee abasobɔdeɛ sɛ Entertainment Personality of the Year (afe no mu, nipa a ɔde anigyeɛ ba) wɔ Entertainment Achievement Awards (anigyeɛ mu abasobɔdeɛ) no mu. [12]
Hwɛ wei nso
[sesa]Beaeɛ a menyaa moa firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 4 5 "Akrobeto Kwasi Boadi Biography | Profile | Ghana". www.peacefmonline.com. Retrieved 13 May 2024.
- ↑ "My nose has played a role in my success – Akrobeto". MyJoyOnline.com. 30 April 2019. Retrieved 19 May 2020.
- ↑ "Kumawood's Akrobeto turns 53 today". www.ghanaweb.com. Retrieved 19 May 2020.
- ↑ "'Akrobeto Is The Only Surviving Child Of His Parents; All Of His Other 10 Siblings Are Dead' – Prophet Opambour Reveals". GhGossip. 3 October 2019. Retrieved 19 May 2020.
- ↑ "Video: I wouldn't have been this successful if I were educated – Akrobeto". Entertainment. 30 April 2019. Retrieved 19 May 2020.
- 1 2 "Humility is secret to my longevity – Akrobeto". Graphic Showbiz Online. Retrieved 19 May 2020.
- ↑ "I stopped bedwetting when I turned 18-years-old – Akrobeto". www.ghanaweb.com. Retrieved 19 May 2020.
- ↑ Marland, Daniel (19 November 2020). "Football Fans Are Loving This Ghanaian 'Pundit' Bringing Joy With His Score Announcements". SPORTbible. Retrieved 1 December 2020.
- ↑ Mensah, Kelvin (16 November 2020). "Akrobeto Makes Headlines In Spain With His Real News". GH Gossip. Retrieved 1 December 2020.
- ↑ Mensah, Kelvin (17 November 2020). "Chelsea Star, Cesar Azpilicueta Reacts To Video Of Akrobeto for Pronouncing His Name As 'Kasar Azikipi'". GH Gossip. Retrieved 1 December 2020.
- ↑ "Akrobeto - Loose Nuts Nigeria". Retrieved 22 February 2025.
- 1 2 Boakye, Edna Agnes (27 March 2021). "#EAAwards: Akrobeto is Entertainment Personality of the Year". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana. Retrieved 29 March 2021.
- ↑ "Photos from the 3Music Awards 2021". www.myjoyonline.com. Retrieved 29 March 2021.
- ↑ "Official Launch: Brand Ambassador For BestPoint Mobile Banking, Akrobeto Speaks". Peacefmonline.com. Retrieved 7 November 2024.