Akratweɛ
Akratweɛ yɛ Kristofo gyidie no fapem. Akristofoɔ nam akratweɛ so twe akra brɛ Nyankopɔn. Deɛ wɔgyina so pa ara twe akra ɛnkanka wɔn a wɔnyɛ gyidifoɔ fam ne ahyɛdeɛ a Yesu Kristo de gyaa n’akyidifoɔ nyinaa sɛ wɔnkɔ amanman no mu nkɔ yɛ nnipa nyinaa asuafoɔ ansa na wiase awieeɛ aba (Mateo 28:16-20). Ansa na obi bɛtumi de ne ho ahyɛ akratweɛ mu no, ɛsɛ sɛ onipa no wɔ ɔdɔ a ɛmu dɔ ma Nyankopɔn ne ne yɔnko onipa.
Saa asɛm yi ne asɛm a asɛmpatwerɛfoɔ bi aka afa akratweɛ ho no hyia. Ɔkaa sɛ, akratweɛ nyɛ dwumadie biara kɛkɛ, ɛyɛ afɔrebɔ kwan a ɛgyina ɔdɔ a yɛ wɔ ma Nyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa so. Asɛmpatrɛ wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ obiara a ɔfrɛ ne ho kristoni de ne ho hyɛ mu.
Nsɔre nam asɛmpaka adwuma no so titire na ɛte akra ba Kristo dɔ no mu. Akwan afoforɔ a nsɔre nam so twe akra ba wɔn nsɔre mu ne nsrahwɛ, asɔre dwumadie ahodoɔ ne akwan a ɛkeka ho. Akratweɛ wɔ ho yi, ɛho hia Kristoni ma pa biara a ɔfrɛ ne ho sɛ Kristo kyidifoɔ na sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ mu a wɔmmu no sɛ Kristoni.