Jump to content

Akontagyesekan

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Amanneɛ ahodoɔ a wɔyɛ wɔ awaregyeɛ mu no mu baako ne sɛ wɔbɛma ɔbarima no atua biribi a yɛfrɛ no akontagyesekan[1][2].

Ɛyɛ sika a ɔbaa a wɔrebɛware no no nua mmarima gye firi ɔbarima a ɔrebɛware wɔn nuabaa no hɔ[3]. Mmarima no ara na woka sika a wobegyes. Obarima no tumi sre so ma wote no so kakra. Saa sika no na wokyere se, wagye de ye sekan a wode bebo wan nuabaa warefos yi ho ban se ebeye na abarima foforo biara tumi mma ne ho bio.

Botaeɛ

[sesa]

Wɔakyerɛ asɛmfua no mu mmienu. Ebinom se 'akontagyesikwan'. Kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɛretua sika no de rema ɔbaa no nuanom mmarima na wɔadi adanseɛ sɛ ɛkwan nna wɔn nuabaa no ho nti ɔbarima biara rentumi mma ne ho mmɛsrɛ no awareɛ[4][5].

Ebinom nso frɛ no akontagyesekan. Wɔkyerɛ sɛ wɔde sika a wɔn nuabaa nno kunu bɛtua no bɛtɔ sekan abɔ ne ho ban sɛdeɛ obiara rentumi mma ne ho[6].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. "Brothers & Others", Taylor & Francis (in English), 2015-04-10, doi:10.4324/9781315709208-4/brothers-others-auden, retrieved 2025-08-21
  3. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  4. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. "Brothers & Others", Taylor & Francis (in English), 2015-04-10, doi:10.4324/9781315709208-4/brothers-others-auden, retrieved 2025-08-21