Jump to content

Akonedi Bosom

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akonedi bosom yɛ bosomkɛseɛ baako wɔ ɔman Ghana mu. Bosom no asɔneɛ so ɛwɔ Lartey Kubease wɔ apueɛ mantam mu.[1] Ɛyɛ kɔmfobaa Adwo Anima na ɔtee saa asɔneɛ no. Na ɛyɛ bosomkɛseɛ ma Larteyfoɔ. Ɛwom ɛwɔ Lartey nanso nnipa firi mmea ahodoɔ kɔpɛ mmoa wɔ hɔ. Akonedi bosom yɛ bosom a mmaa nko ara na ɛkɔm. Ɔyɛ bosom nso a ɔdi ma mmaa ne mmɔfra titire.[2]

Abakɔsɛm

[sesa]

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ abaayewaa bi a ne din de Nedi na wɔhyɛɛ no maa no waree ɔbarima a na ɛnfiri ne pɛ mu. Na ɔne ɔbarima no tenaeɛ maa nyinsɛn baeɛ. Enti ɛduruu berɛ sɛ ɔrekɔwo no na ɔwuiiɛ. Na wɔgye di sɛ saa ɔbaa no saman na ɛbɛwuraa Adwo Komfoɔ no.[3]Ɛno na ɛmaa wɔnyaa din "Ako-Nedi" no. Nedi honhom no kaa ne ho ntam sɛ ɔbɛboa obiara a wɔhyɛ no ma ɔyɛ adeɛ a ne bo ndwo so sɛ ɔbɛyɛ. Ne saa nti,ɔboa abaatan, mmɔfra ne obiara a ɔhia fawohodie.[4]

Akonedi bosom no yɛ ɔbaa a ne din ankasa ne Nana Akonedi Adwo. Akonedi asɔnneɛ awɔ hɔ bɛyɛ afe apem ahanwɔtwe no mu?(1800s) wɔ Lartey-Kubease. Na ɔda ne ho adi benada.[5]

Ne su

[sesa]
  • Sɛ honhom no bɛhyɛ deɛ ɔsom bosom no mu a, ɔka kasa a wɔfrɛ no Guan.
  • Ɔda ne ho adi ahomakye nɔnmmienu.
  • Akɔmfoɔ a wɔkɔm no no nhyɛ mpaboa.
  • Wɔtete akɔmfoɔ no mfeɛ mmiɛnsa ansa na wɔakɔm.
  • Akonedi bosom no nntu kwan ntra Lartey hyeɛ so.

Ne dwumadie titire

[sesa]
  • Akonedi dwuma titire a ɔdi pa ara ne sɛ ɔboa ma nnipa nya wɔn fawohodie.
  • Ɔma abonyini tumi wo.
  • Ɔtumi boa ma obi di bem wɔ kɔɔto.
  • Ɔsa nyarewa ahodoɔ.
  • Awareɛ mu nsɛm.
  • Ɔboa nnipa wɔ adwumasɛm mu.

Akannifoɔ

[sesa]

Akannifoɔ a wɔdii kan som Akonedi bosom no ne;

  • Adwo Anima Komfoɔ: ɔno ne bosom no farebaeɛ. Ɔno nso na ɔde bosom a ɔdi ako baeɛ (war deity) ne Adade Kofi a na ɔyɛ Aknonedi abrafoɔ.
  • Nana Akua Oparebea[6]
  • Nana Yaa Opare
  • Nana Ama Ansaa ( ɔno ne kɔmfoɔ a ɔsom Akonedi seisei).
  • Nana Yao Opare Dinizulu ( Ɔno ne nipa a ɔtee Akonedi asɔnneɛ no bi bi wɔ aburokyiman mu wɔ afe 1965 mu)

Abosom Ahodoɔ A Ɛhyɛ Akonedi Ase.

[sesa]
  • Asuo Gyabi ( ɔno ne bosom a ɔdi kan a wɔde no kɔɔ amanɔne- United States)
  • Nana Adade Kofi.
  • Nana Esi Ketewa.
  • Kwasi Kramo.
  • Tigare.

N’akyiwadeɛ

[sesa]
  • Akonedi bosom no kyiri ɔbaa a wabu ne nsa.
  • Akonedi bosom no kyiri nwa ne bese.
  • Wɔn a wɔsom Akonedi bosom no nni aburo aduane benada ne Fiada.
  • Akonedi bosom no kyiri prako.
  • Wɔn a wɔsom Akonedi bosom no mforo lɔre.
  • Akonedi bosom no kyiri kanea.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Origins of The Guan Ancestral Spirits | PDF | Ghana | Afrocentrism (in English), retrieved 2025-07-04
  2. Public Lecture: Akonedi, An African Deity and Her Shrines in Larteh: A Field Report; Speaker: Dr. Benedikt Pontzen - MIASA - Merian Institute for Advanced Studies in Africa (in American English), retrieved 2025-07-04
  3. Henry Kwadwo Amoako (2020-12-11), Origin of The Akonedi Shrine: The Story of Akua Oparebea (in American English), retrieved 2025-07-04
  4. Deities of the Akan Religion | Encyclopedia.com, retrieved 2025-07-05
  5. Jai Krishna Ponnappan, Goddess Akonadi, retrieved 2025-07-05
  6. Benedikt Pontzen (2024-08-28), Nana Akua Oparebea and the Making of Akonnedi: A Portrait (in American English), retrieved 2025-07-05