Akoma Ntoaso
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nnianumu
[sesa]Akoma Ntoasoɔ yɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne a agye din pa ara wɔ Ghana ne Abibrem aman ahodoɔ bi so no mu baako. Ɛyɛ adwinnie a yɛde da akoma mu nsɛm adi. Ɛgyina hɔ ma nteaseɛ, koroyɛ ne nkabom a ɛwɔ nnipa binom ntam. [1]
Ne Bɔberɛ
[sesa]Adwinnie no bɔberɛ te sɛ akoma ahodoɔ nan a akeka abɔ mu. Kyerɛ sɛ, nnipa ahodoɔ nan a wɔn akoma akeka abobɔ mu ayɛ baako.[2]
Akoma ahodoɔ nan yi nyinaa aka abom a ntetemu biara nni mu. Wonhunu nsonsonoeɛ biara wɔ wɔn ntam. [3][4]
Akoma Ntoasoɔ Nkyerɛaseɛ
[sesa]Akanfoɔ ne mmusuakuo nkaeɛ a wɔwɔ Ghana ntoto nkabom/koroyɛ ase koraa. Wɔgye di sɛ obiara dan obi. Saa gyidie yeinom yɛ adeɛ a wɔnam anosɛm, adwinnie, amammerɛ ne amanneɛ so de ato hɔ agya nkyirimma. Adinkra nsɛnkyerɛnne biara gyina hɔ ma adwenepɔ bi a na nananom gye di. Wɔnam nsɛnkyerɛnne yi so kyerɛ wɔn gyidie, wɔn anyamesom ne wɔn abrabɔ mu suahunu. Akoma ntoasoɔ yɛ nsɛnkyerɛnne bi a wɔde kyerɛ gyidie a nnipa wɔ wɔ nkabom ne koroyɛ mu.
Nkabom a akoma ahodoɔ nan no ayɛ no gyina hɔ ma nkabom a ɛda nnipa binom sunsum ntam. Yɛde kasasu ( nyinahɔma ) nso di dwuma a, yɛbɛka sɛ nkabom a akoma ahodoɔ nan no ayɛ no gyina hɔ ma nyeaseɛ, ɔdɔ adwenkorɔ ne nkabom a ɛwɔ nnipakuo bi ntam.[5]
N'abɔseɛ
[sesa]Sɛdeɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne nkaeɛ no nyinaa teɛ no, yɛnhyɛɛ da nhunu edin 'Akoma ntoasoɔ ' no abɔseɛ pɔtee. Wɔgye di sɛ ɛyɛ edin a wɔnam ɔhene bi so nyaeɛ. Akanfoɔ abakɔmsɛm Kyerɛ sɛ nnipakuo a wɔfrɛ wɔn Gyaamamfoɔ/Jaaman na wɔde baeɛ. Gyaamanfoɔ yɛ nnipakuo bi a yɛbɛhunu wɔn wɔ ɛnnɛ yi, Ghana Bono mantam mu. Yɛhwɛ mansini mu nso a, yɛbɛhunu wɔn wɔ mansini ahodoɔ mmienu mu: wɔne Gyaaman/ Atifi ne Gyaaman / Atɔeɛ [6]
Wɔyɛ tete Ghana nnipakuo/aman a na wɔwɔ hɔ ansa na aborɔfo nnisoɔ no reba no mu baako. Ɛnnɛ yi Ivory Coast nso yɛ beaeɛ a na Gyaamanfoɔ wɔ pa ara. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Bonofoɔ mu fa a wɔyɛ aduafoɔ bi na wɔkyeree Gyaamanman no. Ɛnnɛ yi, wɔatrɛ. Mmeaeɛ a wɔwɔ no bi ne Banda, Gyaaman Atifi fam, Gyaaman Atɔeɛ fam ne Bonduku. [7]
Wɔn a ɛnam wɔn hene a wɔfrɛ no Nana Adinkra so a yɛnyaa Adinkra nsɛnkyerɛnne a Akoma ntoasoɔ nso ka ho bi.[8][9]
Ne Dwumadie
[sesa]Kane no, na ntoma ne ntaadeɛ mu na yɛtaa hunu bi. Ntoma na na wɔn di de Adinkra ntoma mu pa ara na na Adinkra nsɛnkyerɛnne no wɔ.
Akanfoɔ de Akoma ntoasoɔ kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa baako a wɔn akoma nso yɛ baako.
Sɛdeɛ Zulufoɔ Ubuntu dwumadie teɛ no, saa ara na Akanfoɔ nso de Akoma ntoasoɔ kyerɛ sɛ, wɔmpɛ sɛ obiara bɛka akyire. Wohyɛ saa Adinkra nsɛnkyerɛnne yi a, wotumi hunu sɛ akoma nan a aka abom no nyina yɛ adeɛ bom a wɔnkɔ nnya obi. Akanfoɔ wɔ gyidie bi sɛ wɔn werɛ bɛtumi aho deɛ, nanso ɛyɛ adeɛ a wɔn werɛ ho kora mpo a, nkabom tumi ma wɔn anigyeɛ soronko. Yɛhunu saa nkabom yi bi wɔ berɛ a obi a ɔwɔ adwene mu haw rekɔ ayaresabea. Ɔno nko ara nkɔ. Ɔne afoforɔ na ɛkɔ. Na mpo sɛ dɔkota ne wɔn ne wɔn ahwɛfoɔ redi nkitaho a, yɛtumi hunu sɛdeɛ ahwɛfoɔ yi akoma da wɔn ho fa.[10][11]
Kane no, na nka ahemfo, adehyeɛ, akunini ne anintini afadeɛ a wɔde kɔ adwabɔeɛ ase mu na yɛhunu Akoma ntoasoɔ ne Adinkra nsɛnkyerɛnne ahodoɔ no. Ahemfo de to wɔn afadeɛ mu a, wɔde rekkyerɛ koroyɛ ne ɔdɔ a wɔpɛ sɛ wɔn mamfoɔ nya. Ɛbɛ a ɛtaa fa saa nsɛnkyerɛnne yi ho pa ara ne 'woforo dua pa a na yɛpia wo''. [12] Wɔrepɛ akyerɛ sɛ wɔn mamfoɔ mmɔ bra pa na afoforɔ ahwɛ so aboa wɔn ( yɛadi kan aka sɛ akoma ntoadoɔ gyina hɔ ma gyidie sɛ obiara dan obi no.
Nansa yi, gye a nkorɔfoɔ agye Adinkra nsɛnkyerɛnne ato mu nti, nsɛnkyerɛnne bi te sɛ akoma ntoadoɔ dwumadie atrɛ. Yɛhunu bi wɔ nnwumakuo ahyɛnsodeɛ ahodoɔ mu, ntaadeɛ mu, nkonnwa ho, adan ho ne mmeaeɛ pii.
Nsɛnkyerɛnne yi ho mfasoɔ no mu baako da adi wɔ ayie ase berɛ a nkorɔfoɔ firi mmeaeɛ ahodoɔ pii rebɛboa. Wɔyɛ nnipakuo ahodoɔ pii a wɔde akomakorɔ reyɛ adeɛ. [13]
Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
:|last=
has generic name (help) - ↑ Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-05-22

has generic name (help) - ↑ Yaw Kennedy Okrah (2012-12), A history of British Gyaman 1874-1957 (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
: Check date values in:|date=
(help) - ↑ Yaw Kennedy Okrah (2012-12), A history of British Gyaman 1874-1957 (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
: Check date values in:|date=
(help) - ↑ Yaw Kennedy Okrah (2012-12), A history of British Gyaman 1874-1957 (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
: Check date values in:|date=
(help) - ↑ Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
:|last=
has generic name (help) - ↑ Janani Racherla (2023-09-11), Akoma Ntoaso: On Adinkra Symbols or, Bidding Farewell: On Adinkra Symbols | Psychology & Psychiatry (in British English), retrieved 2025-05-22
- ↑ Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
:|last=
has generic name (help) - ↑ Yaw (2016-10-11), Adinkra Symbols of the Akan People (in American English), retrieved 2025-05-22
- ↑ Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-05-22
{{citation}}
:|last=
has generic name (help)