Jump to content

Akoma (Adinkra)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

AkomaAkanfoɔ ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛgyina hɔ ma ɔdɔ, abotrɛ, ahohyɛsoɔ,nokwaredie ,ɔpɛpa, tema,nkabom ne nteaseɛ. Wɔawene no sɛ akoma na ɛkyerɛ atinka a ɛka nnipa bom berɛ a nnipa wɔ ahohiahia mu.[1] Agbofoɔ kyerɛ sɛ, onipa a ɔwɔ ntoaboaseɛ yɛ deɛ ɔwɔ akoma pa. Ɛyɛ adeɛ bi a ɛka akoma mmienu bom na ɛde nteaseɛ ne ɔdɔ a ɛtoɔ ntwa ɛba. Akoma yɛ adeɛ ɛwɔ onipa biara mu a ɛma yɛyɛ nnipa na yɛnya atinka nso. Akoma ahyɛnsodeɛ yi hia pa ara wɔ amammerɛ ne amanneɛ ahodoɔ mu.[2][3]

Abakɔsɛm

[sesa]

Akoma firi Akanfoɔ mu na ɛbaeɛ ne titire no Asantefoɔ mu. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Bonofoɔ a ɛyɛ Gyamanfoɔ a na ɛyɛ wɔn hene Nana Kwadwo Agyemang ahyɛnsodeɛ na ɛde baeɛ. Na berɛ a Gyamanfoɔ dii nkuguo wɔ wɔne Asante ko no mu no,[4] Asantefoɔ no sesaa wɔn nneɛma nyinaa de baa Asanteman mu.Ɛno maa wɔde Gyaman amammerɛ no bi bɛkaa Asante deɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔnwene ntoma ma Gyaman ahenfo no nyinaa no, wɔkyeree wɔn baa Asanteman mu ma wɔbɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnwene wɔn nneɛma no. Wɔn mu deɛ na ɔyɛ adeɛ pa ara a ɛyɛ Nana Kwadwo Adinkra ba barima no,wɔhyɛɛ no ma ɔyɛɛ Adinkra ntoma maa Asante nhenfo na ɔkyerɛɛ afoforɔ nso a na Kwaku Duah a ɔte Kumasi ka ho. Berɛ a Kwaku Duah nso hunuu adwuma no, ɔbuee ɔno ara ne deɛ na ɔkyerɛɛ nkurɔfoɔ nso. Na ɛno boa ma akoma ahyɛnsodeɛ ne adinkra ahodoɔ no hyetaa Asanteman mu nyinaa ne Akanfoɔ binom te sɛ Fante, Akuapem ne Akyem nyinaa. Wɔgye di sɛ akoma ahyɛnsodeɛ no dii dwuma pa ara wɔ Asante ahennie no mu.

Sɛdeɛ ɛteɛ

[sesa]

Akoma bɔbea no te sɛ akoma. Sɛdeɛ ɛteɛ enti na ɛwɔ din sɛ akoma no.

Ne dwumadie

[sesa]

Wɔde Akoma di dwuma pa ara wɔ Akanfoɔ amanneɛ ne amammerɛ pii mu: ɛbi te sɛ ayiyɔ,afahyɛ, awareɛ a ɛgyina hɔ ma ɔdɔ, nkaeɛ ne nkabom. Wɔde da Akanfoɔ su adi. Mpɛn pii nso wɔtumi de yɛ kasabɛbuo. Wɔsan nso da no adi wɔ Akanfoɔ ntoma mu, deɛ wɔde nnua anwene ne deɛ wɔde nnɛteɛ ayɛ nyinaa a ɛkyerɛ afɛfɛdeɛ na ɛka Akanfoɔ abakɔsɛm nso.[5] Adinkra ahyɛnsodeɛ yi san di dwuma sɛ nkaedum ma nnipa sɛ wɔnfa ɔdɔ, boasetɔ ne ahohyɛsoɔ mmɔ wɔn bra.[6]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, AKOMA NTOSO - Understanding - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-06-13 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  2. Nana Kwabena (2020-09-15), Akoma (in English), retrieved 2025-05-23
  3. Nana Kwabena (2020-09-15), Akoma (in English), retrieved 2025-05-24
  4. Yaw Kennedy Okrah (2012-12), A history of British Gyaman 1874-1957 (in English), retrieved 2025-05-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-23
  6. Yaw (2016-10-11), Adinkra Symbols of the Akan People (in American English), retrieved 2025-05-24