Jump to content

Akofena

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
akrafena
weapon family
subclass ofsword Sesa
country of originAshanti Empire Sesa

Akrafena/Akofena  yɛ nkratɛ a kane no na Akanfoɔ de di ako. Akofena no gu gu ahodoɔ pii,  na ɛmu baako  ne Mponponsuo a Otumfuo Opoku Ware II de baeɛ[1]. Ɛnnɛ yi ɛda so wɔ hɔ ɛsiane sɛ wɔtaa de di dwuma wɔ afahyɛ ne amanneɛ ahodoɔ ase. Ɛyɛ adinkra nsɛnkyerɛnne/ahyɛnsodeɛ no mu baako.

Asɛmfua Akofena Abɔseɛ

[sesa]

Akofena firi Akan nsɛmfua mmienu mu: ɛnonom ne Ako, ɛna afena. Afena kyerɛ nkrantɛ. Kyerɛ sɛ, Akofena yɛ nkrantɛ a wɔde di ako

Ne bɔberɛ

[sesa]

Afena no wɔ afaafa mmeɛnsa: beaeɛ a ɛtwa(wɔde dadeɛ na ayɛ), beaeɛ a wɔde dua asene) ɛna beaeɛ bi a wɔde aboa wedeɛ/nnwoma na ayɛ. Deɛ yɛde di dwuma wɔ amanneɛ ahodoɔ mu no deɛ, ɛyɛ a na beaeɛ a  ɛtwa (blade) no ano nyɛ nam. Mpɛn pii no, ɛtaa wɔ ntwerɛeɛ bi wɔ so a ɛgyina hɔ ma biribi wɔ Asante amanneɛ mu. Wɔde ka asɛm bi. Ɛyɛ a, nnwoma a wɔde adura dadeɛ no ho no ahosuo taa yɛ akokɔ sradeɛ.

Ahodoɔ

[sesa]
The Ashanti akrafena

Asantefoɔ Deɛ

Akofena di dwuma wɔ Akanfoɔ nyinaa amanneɛ ahodoɔ mu. Asantefoɔ tete Akofena gu ahodoɔ gu ahodoɔ bɛyɛ nsia.

Kɛtɛanomfena

Ne traa mu no, ɛkyerɛ kɛtɛ ano a ɛte sɛ atena. Nsɛmfua mmienu na ɛdi dwuma wɔ ha: Kɛtɛ ano,  ɛna afena.  Kane no na wɔde sisi ɔhene mpa atifi. Afei nso, wɔsoa ɔhene a, wɔtumi de bi sisi n'apakan no ano. Kɛtɛso afena nso gu ahodoɔ mmienu. Yɛwɔ deɛ ɛbɔ ɔkra ho ban ɛna yɛwɔ deɛ ɛfa aabosom ho[2]

  • Akrafena Ɛyɛ akofena tiawa bi a wɔde suae. Wɔtumi nso frɛ no nsuaefena[3]. Kane no, na ako berɛ duru a a Asantefoɔ de ɛne sikadwa nyinaa na ɛbom di ako[3]. Adwabɔ akɛseɛ ase no,  ɔhene apamfo tumi de akofena no ba hɔ. Ɛha yi, ntwerɛeɛ a ɛwɔ so no taa de adwenpɔ bi a ɛfa dwuma a wɔredie no ho no to dwa. Asɛmfua Akrafena abɔseɛ ne "ɔkra" ɛna ''afena". Kyerɛ sɛ nkratɛ a ɛbɔ ɔkra bi ho ban. Akofoɔ na na wɔtaa wɔ saa akofena yi. Ɛyɛ adeɛ a na wɔde gyina hɔ ma akofoɔ nsa nifa[4].
  • Mpomponsuo: Mpomponsuo akofena no gyina hɔ ma; Asɛyɛdeɛ, Tumi, Nokordie ne Akokoduro.  Mpomponsuo akofena no na Asantehene de suae. Amanhene ahodoɔ nso de mponponsuo akofena no suae kyerɛ asantehene.  Asantehene akofena no yɛ deɛ Akomfo Anɔkye yɛ maa Asantehene Nana Opoku Ware I na ɛyɛ akrafena ho nhwɛso a ɛsen biara[3]

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Fraser, Douglas (2004). African Art and Leadership. University of Wisconsin Press. p. 145. ISBN 9780299058241.
  2. Nhwɛsoɔ:Cite books
  3. 1 2 3 Collins and Burns (2007), p. 140.
  4. "sword | British Museum". The British Museum (in English). Retrieved 2022-03-20.