Akofa Edjeani Asiedu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Akofa Edjeani (wɔwoo no 20 Ɔpɛpɔn 1969) yɛ Ghanani a ɔyɛ sini ho ɔyɛkyerɛfo, ɔyɛfo ne adwumayɛfo. Ne sini tiawa, Not My Daughter (sini a ɛfa mmea awotwaa a wotwitwa ho ), nyaa abasobɔde a ɛyɛ Sini Tiatiaa a Ɛsen Biara wɔ African Movie Academy Awards (AMAA) mu wɔ afe 2008 mu, na I Sing of a Well, sini a ɔyɛɛ mu ɔyɛkyerɛfo na ɔne no yɛɛ no, . onyaa abasobɔde abiɛsa ne Asɛnni Baguafo Abasobɔde a Ɛsen Biara a efi African Movie Academy Awards mu wɔ afe 2010.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Akofa wɔ 20 Ɔpɛpɔn 1969 wɔ Ghana . Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Mawuli Sukuu mu baabi a ɔfirii aseɛ yɛɛ agodie sɛ sukuu no drama kuo no muni. Ɔwɔ bachelor’s degree wɔ adwinni mu wɔ University of Ghana Performing Arts ne adansedi krataa wɔ PR, Marketing ne advertising mu wɔ Ghana Institute of Journalism (1995). Ɔyɛ Constance Ama Emefa Edjeani-Afenu nuabea

Adwuma[sesa]

Edjeani yɛ odiyifoɔ wɔ n’adwuma mu, ɔsuaa Performing Arts wɔ Ghana Suapɔn mu. Wayɛ Ghana ne Nigeria-Ghana sini ahorow pii fi 1990 mfe no mfinimfini. Wɔ afe 1995 mu no, ɔyɛɛ adwuma wɔ For Better For Worse, 2015 mu no ɔyɛɛ ne ho wɔ Britania-Ghana sini a wɔdii nkonim wɔ abasobɔdeɛ mu , The Cursed Ones . Na ɔyɛ Ghana Amammerɛ Nhyiam no Bere Tiaa mu Aban Bagua no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Edjeani waree Robert Asiedu bɛboro mfe 20, akyiri yi awarefo no tetew mu na wogyaee aware. Wɔ July 2018 mu no, ɔmaa ɛdaa adi wɔ nsɛm a wobisabisaa Deloris Frimpong Manso, wɔ ne dwumadi, The Delay Show mu sɛ wagyae aware nanso ɔne obi rebɔ na ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan aware. Ɔwɔ mma baanu.

Nnwuma afoforo a wɔyɛ[sesa]

Edjeani runs a restaurant in Kanda, Accra, sɛdeɛ wɔ afe 2016 mu no ɔmaa wɔhunuu no wɔ nsɛmbisa a ɛhyehyɛɛ adidibea no mfeɛ 17 a atwam no sɛ wɔbɛtɔn aduane de ahwɛ n’abusua.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]