Akanfoɔ Tete Dwom
Teten dwom yɛ nwom bi a ɛfa nnipakuo bi abrabɔ, nneyɛeɛ ne wɔn gyidie ho. Tete dwom fa nnipakuo bi amammerɛ ne wɔn amanneɛ ho. Ɛyɛ nwom a yɛde agya nkyirimma firi awoɔ ntoatoasoɔ so nam anosɛm kasadwini so. Ɛyɛ agyapadeɛ a ɛkyerɛ yɛn afahyɛ ahodoɔ, daadaa nneɛma a yɛyɛ ne anansesɛm anaa suahunu nsɛm bi. Nwom ne asa yɛ ade titiriw a ɛka Akanfo abrabɔ ho. Abrabɔ anaa nneɛma biara no, Akanfo wɔ ho nwom. Akanfoɔ to nwom sane sa wɔ berɛ a anigyeɛ, awerehoɔ ne ɔko aba. Wɔto "Aho" de bɔ wɔn atamfo hu wɔ akono[1].
Sɛ asomdwoeɛ ba nso a, Akanfoɔ to nwom de horan anaa kanfo wɔn ahenfo[2]. Wɔto dwom de bɔ akutia. Akɔm berɛ mu nso wɔto nwom bɔ twene de kanyan ahonhom ma wɔdi dwuma. Akanfoɔ ne titirie Asantefoɔ ne Kwahufoɔ hyia mu to nwom. Wɔtumi to no ankorɛkorɛ . Mpɛn pii no, mmaa na wɔto nwom wɔ fie, adwuma mu ne mmeaeɛ ahodoɔ de kyerɛ tebea a ɔwɔ mu adi. Tebea ne beaeɛ biara ho nwom a wɔto; Afahyɛ, ayie ase, ɔko ne adwabɔ ahodoɔ ase[3][4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Kofi Agyekum (2006-12-31), "The Sociolinguistic of Akan Personal Names", Nordic Journal of African Studies (in English), vol. 15, no. 2, doi:10.53228/njas.v15i2.24, ISSN 1459-9465, retrieved 2025-08-25
- ↑ Kwesi Yankah (1984), "The Akan Highlife Song: A Medium of Cultural Reflection or Deflection?", Research in African Literatures, vol. 15, no. 4, pp. 568–582, ISSN 0034-5210, retrieved 2025-08-25
- ↑ Kofi Agyekum (2006-12-31), "The Sociolinguistic of Akan Personal Names", Nordic Journal of African Studies (in English), vol. 15, no. 2, doi:10.53228/njas.v15i2.24, ISSN 1459-9465, retrieved 2025-08-25
- ↑ Kwesi Yankah (1984), "The Akan Highlife Song: A Medium of Cultural Reflection or Deflection?", Research in African Literatures, vol. 15, no. 4, pp. 568–582, ISSN 0034-5210, retrieved 2025-08-25