Jump to content

Akanfoɔ Mmusuakuo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ mmusuakuo yɛ Akanfoɔ ntɔn anaa abusuakuo ahodoɔ wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu,a ɛmu biara wɔ su a ɛsesɛ. Akanfoɔ mmusuakuo no yɛ ɛna fam abusua a ɛmu biara wɔ n’akraboa anaa sɛ bosom. Akanman mu no, wɔwɔ mmusuakuo ahodoɔ nwɔtwe a ɛmu biara wɔ n’abakɔsɛm ne ne dwuma titire a ɔdie.[1]

Wɔn a wɔwɔ abusuakuo baako mu no wɔ nsamanfoɔ korɔ a wɔde nidie ma wɔn na wɔwɔ ɛna fam. Ɛno nti ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ nnipa wɔbɔ abusuakorɔ bɛware.[2]

Abusua biara wɔ n’ahyɛnsodeɛ, n’abakɔsɛm ne nkuro binom a wɔkyerɛ wɔase sɛ wɔfiri hɔ.Sɛ ebia; Asakyiri abusua a wɔkyerɛ sɛ ɛno ne abusua a anyini yie pa ara wɔ Akanfoɔ mmusuakuo abakɔsɛm mu.Wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ nkuro mmienu a wɔase firi hɔ a ɛyɛ Ayase ne Adukurom.

Mmusuakuo Ahodoɔ ne Wɔn Akraboa

[sesa]
  • Agona (wɔn akraboa ne Ako)
  • Aduana (wɔn akraboa ne Ɔkraman)
  • Asenie (wɔn akraboa ne apan)
  • Oyoko (wɔn akraboa ne akroma)
  • Asakyiri (wɔn akraboa ne Kɔkɔsakyi)
  • Asona (wɔn akraboa ne Kwaakwaadabi)
  • Bretuo (wɔn akraboa ne Ɛtwie)
  • Ekoɔna (wɔn akraboa ne Ɛkoɔ)[3]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom (in American English), 2022-12-21, retrieved 2025-07-09
  2. Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom (in American English), retrieved 2025-07-09
  3. APREBI WAVES (2022-08-05), The Akan Family Clans ꞁ Ԑkoↄna Abusua Kuo | Oheneyere Adwoa Aprebi, retrieved 2025-07-09