Akanfoɔ Mmɛ
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɛbɛ wɔ nkyerɛaseɛ ahodoɔ pii. Ɛbi ne;
- Ɛbɛ yɛ mpanin kasa a ɛmu dɔ yie,a yɛn nananom tetefoɔ nam wɔn nyansa ne nneɛma a ɛsii wɔn abrabɔ mu no ahyehyɛ de agya nkyirimma.Yɛde abɛbuo kyerɛ nsɛm bi a yɛpɛ sɛ yɛka ase, na yɛde si so dua ma nnipa te aseɛ pefee. Akanfoɔ gye to mu sɛ abɛbuo yɛ kasa aduruadeɛ a ɛma kasa no yɛ dɛ san nso yɛ hwam.
- Ɛbɛ yɛ asɛm a wonim no yie,na ɛka nokorɛ anaa afotusɛm bi a ɛfa biribiara ho.
- Ɛbɛ da adwene titire bi adi wɔ asɛm mu ma nteaseɛ ba.[1][2]
Mpɛn pii no, sɛ obi rebu bɛ a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nneɛma mmiɛnsa ansa na wɔabu bɛ;
- Ɔhwɛ asɛm a asi no ho.
- Beaeɛ a wɔreka asɛm no.
- Nnipa a wɔahyia hɔ a wɔretie asɛm no.[3]
Akanfoɔ Mmɛ Ahodoɔ
[sesa]Berɛ A Akanfoɔ Bu Bɛ
[sesa]Akanfoɔ nni bere pɔtee a wɔde bu bɛ. Na mmom sɛ asɛm ba a na wɔbu bɛ. Ɛno nti Akanfoɔ wɔ asɛm a wɔka sɛ; "sɛ asɛm mmaeɛ a wɔnmu bɛ".
Ɛbɛ So Mfasoɔ
[sesa]Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), The 50 Most Important Akan Proverbs (in English), retrieved 2025-07-14
- ↑ Akan | Twi | Proverbs |Mmɛbusɛm|Mmebusem, retrieved 2025-07-14
- ↑ yenkassa (2017-06-07), Akan Proverbs And Their Meaning, retrieved 2025-07-14
- ↑ Sack Of Wisdom (2023-03-14), Teacher Opoku || ƐBƐ TURODOO., retrieved 2025-07-14
- ↑ Akan (Twi) Proverbs (in American English), 2019-11-13, retrieved 2025-07-14
- ↑ The Tenacity of Akan Proverbs and their Contribution to the Development of the Ghanaian Language (in American English), retrieved 2025-07-14
- ↑ Akan Proverbs—A Mirror on Social Norms — Watchtower ONLINE LIBRARY, retrieved 2025-07-14