Akanfoɔ Ayefohyia(Ayeforɔ)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɔbarima no ayɛ ɔbaa no ho adeɛ awie no, ɔhyia no ayeforɔ ansa na watumi de no akɔ ne fie. Ansa na ɔbarima no de ɔbaa no bɛkɔ ne fie no nso, ɔkɔyɛ no ayɛ. Ɔtotɔ nneɛma bi a ɛbɛhia ɔbaa no wɔ awareɛ no mu ma ne nuanom mmaa soa no kutann de kɔma ɔbaa no. Nneɛma a wɔde kɔma no no bi ne ntoma, mpaboa, adaka ne nneɛma a ɔde bɛyɛ aduane ama ne kunu[1].
Aduanekɛseɛ
[sesa]Ɔbaa no nsa ka nneɛma awɔde abɛyɛ no ayɛ no a, ɔde sika a, ɛka nneɛma a, wɔde baeɛ no ho no noa aduane. Ɔpopo ne nsa ano, noa aduane a ɛte apɔ de soma mmaawa ma wɔde kɔ ɔbarima no fie. Ɔbarima no to nsa frɛ ne nnamfonom ne wɔn bɔ mu to nsa didi.
Adidie no akyiri no, ɔbarima no san de sika toto nkyɛnsee a na nnuane wɔ mu no mu ma mmawa a no san de kɔma ɔbaa no[2].
Nkunu-kyire Nna
[sesa]Aduanenoa ne adidie no akyiri no, ɔbaa no nkumaafoɔ bɛfa no kɔma ne kunu anadwo no. Sɛ wɔrekɔfa ɔbaa no a, mmaranteɛ awɔwɔ fie hɔ no tumi si kwan sɛ wntwi wɔ mene mu ansa na wɔama wɔn kwan. Ɛbaa no saa a, asomafoɔ no ma wɔn sika kakra ansa na wɔama wɔn kwan[3][4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Kofi Agyekum (2012-01), "Akan proverbs and aphorisms about marriage", Institute of African Studies Research Review, vol. 27, no. 2, pp. 1–24, doi:10.10520/EJC124862, retrieved 2025-08-22
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ Saudat Umar Sunusi (2023-10-10), "A TRANSITION TO MODERN CEREMONIES IN KANO: A REVIEW", Azare Journal of Education (in English), vol. 11, no. 2, pp. 78–84, ISSN 1116-1833, retrieved 2025-08-22
- ↑ Saudat Umar Sunusi (2023-10-10), "A TRANSITION TO MODERN CEREMONIES IN KANO: A REVIEW", Azare Journal of Education (in English), vol. 11, no. 2, pp. 78–84, ISSN 1116-1833, retrieved 2025-08-22
- ↑ J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-22
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)