Jump to content

Akanfoɔ Awareguo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ Awareguo Awareguo ne sɛ mpaninfoɔ nam ɔkwan bi so de ntetemu ba ɔbaa ne ɔbarima bi a mmerɛ bi a atwam no, wɔnam amammerɛ ne amanneɛ kwan so kaa wɔn bɔɔ mu sɛ ɔyere ne okunu no.[1] Sɛ nteaseɛ anyɛ adwuma wɔ awarefoɔ no ntam a, saa berɛ yi na wɔgu awareɛ no. Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye Tiri-adeɛ no nso a, wɔhwɛ sɛ ɔbaa no bɛtua ama no. Sɛ ɛtɔ dabi a, ɔbaa no tumi srɛ nwaesoɔ.[2]

Awareguo nkyerɛmu

[sesa]

Mpaninfoɔ bu bɛ bi sɛ, "Awareɛ gu nkuro". Akanfoɔ kyerɛ ɛbɛ yi mu sɛ, wɔngu awareɛ basabasa. Ansa na Akanfoɔ bɛgu awareɛ no, gye sɛ wɔatena ase ama obiara abɔ ne nkuro na wɔapɛnsɛpɛnsɛm mu yie ahunu deɛ wɔde asɛm no bɛto.[3] Wɔgye mpata ma deɛ ɔdi bem no. Ɛwɔ Akanfoɔ awareɛ mu no, wɔbu nkonta hwɛ sɛ obiara bo adwo na ɛka biara nna wɔn ntam. Sɛ ɔbaa na ɔregyae awareɛ a, ɔde barima no nsa kɔma no.[2]

Deɛ wɔgyina so gu awareɛ

[sesa]

Ɔbarima no fam

[sesa]
  • Wiakyerɛ: Sɛ ɔbaa no bɔ adwaman na ɔkye no a, ɔbarima no tumi gyina so gyae no awareɛ.
  • Nnakame: Sɛ ɔbaa no taa de ne ho kame ne kunu a, ɔbarima no tumi gyina so gyae no.
  • Bukyia (Mukyiasonandie): Sɛ ɔbaa no fa ɔbarima no ho nipa a, ɔbarima no tumi gyina so gyae no.

Ɔbaa no fam

[sesa]
  • Sɛ ɔbarima no dɔ benada,ɔbaa no tumi gyina so gyae awareɛ.
  • Nsekuro/kɔnkɔnsa: Sɛ ɔbarima no wɔ saa suban yi a, ɔbaa no tumi gyae no.
  • Akwadworɔ nso tumi ma ɔbaa gyae awareɛ.
  • Nsanom

Sɛdeɛ wɔgu awareɛ

[sesa]

Wɔ Akanman mu no, ɔbarima na ɔde hyire no bɛba. Wɔde hyire no gu ɛdwono ahaban so. Ɛdwono ahaban no kyerɛ sɛ, deɛ wɔagyae no awareɛ no nkɔfefɛ baabi a ɔbɛkɔ no,na kyerɛ sɛ ɛyɛ nhyira ɔkwan bi so. Ɔbarima no de hyire no ma ne nuabaa ma ɔde srasra ɔbaa no abasa benkum so a ɛkyerɛ sɛ awareɛ no mu atete koraa. Na sɛ wɔhunu sɛ ɔbaa no ne ɔbarima foforɔ bi hyehyɛ hɔ berɛ wɔayɛ saa amanneɛ yi a, ɔnni fɔ wɔ kwan biara so. Ɛsɛ sɛ ɔbaa no a wɔregu no hyire no tua sika kakra ma n’akumaa a ɔregu no hyire no.Ɛno na wɔfrɛ no "hyire-kokɔ" no. Abadwafoɔ no ma afaanu no tua sika de si awaregyaeɛ no so gyinaeɛ.[4]

Afei wɔtu nsa gu so de tete ahokafoɔ baanu no ntam korakora. Abadwafoɔ no mu biara nni ho kwan sɛ ɔware saa ɔbaa no. Na ɛwɔ sɛ ɔbaa no tumi tena ase kɔpem adaduannan, hwɛ sɛ ebia, nyinsɛn biara nni hɔ ansa na watumi de ne ho ama ɔbarima foforɔ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Divorce In Akan Society - 1444 Words | Cram, retrieved 2025-07-04
  2. 1 2 Comparative and Constructive Analysis of Akan Marriage Performance: The Past and the Present (in American English), retrieved 2025-07-04
  3. AsanteTwi: Akanfoɔ Amammerɛ | Awareɛ | Marriage, retrieved 2025-07-04
  4. Customary marriage dissolution :Presenting drinks, same being accepted by family not enough – Court (in English), retrieved 2025-07-04