Jump to content

Akanfoɔ Agorɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ abrabɔ, wɔn nyamesom, ne wɔn amammerɛ ne amanneɛ nyinaa akyi no, adeɛ baako nso a na wɔnntoto no ase koraa ne agodie. Ɛsiane sɛdeɛ na Akanfoɔ ani ku wɔn agorɔ ho nti, wɔhyɛɛda hyehyɛɛ kasabebuo a ɛdidi soɔ yi fa agodie ho;

Agorɔ reyɛ dɛ no, na adeɛ resa nkurasefoɔ, ɔkwasea ani te a na agorɔ agu,agorɔ bɛsɔ a ɛfiri anɔpa, agorɔ ansɔ a, ɛgu, agorɔ,yɛgoro no tipɛn, agorɔ a ɛyɛ dɛ no, yɛnko nsɛe no,agorɔ mfitiaseɛ nnyɛ aniberɛ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Kasabebuo weinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Akanfoɔ ntoto wɔn agodie ase koraa.[1][2]

Agorɔ Ahodoɔ

[sesa]
  • Anansesem: Ɛyɛ Akanfoɔ agorɔ no mu baako a wɔtaa di no anwummerɛ berɛ a ɛhyɛn adwa. Na ɛfa Ananse onitefoɔ ho. Mpɛn pii no, mpaninfoɔ na wɔka kyerɛ mmɔfra.
  • Ɔware: Ɛyɛ agorɔ a wɔahyɛda ahyehyɛ a mmarima,mmaa,mmɔfra tumi di. Na adehyeɛ pa ara na wɔdi saa agorɔ yi.[3]
  • Aborɔmmɛ
  • Antoankyire: Antoakyire yɛ Akanfoɔ agorɔ titire baako pa ara. Ɛyɛ agorɔ a mmaa ne mmarima nyinaa tumi di. Ɔkwan a wɔfa so di saa agorɔ yi ne sɛ, agofomma no nyinaa kotokoto hɔ twa konka. Afei, wɔn mu baako fa ntomago a wɔabɔ no pɔ tu mmirika twa konka no ho hyia. Ɔretu mmirika no nyinaa na ɔrepɛ wɔn baako de ntomago no ato nakyi. Sɛ ɔde to obi akyi na wanhunu na ɔkɔbɛto no a, ɔsisi ne mu ma ɔno nso fa ntomago no twa konka no ho hyia pɛ obi foforɔ de to nakyi sa ara. Wɔredi agorɔ no nyinaa, na nwom ne nsambɔ nam mu. Agorɔ yi mu dwom ne "Antoankyire, yeyeeye, obi reba oo, yeyeeye. Saa agorɔ yi ho mfasoɔ baako ne sɛ ɛboa ma wɔyɛ ahwɛyie.[4]
  • Abahyɛ: Ɛyɛ agorɔ a mmaa ne mmarima nyinaa tumi di. Wɔma mmɔfra tena ase sam wɔn nan ma obi de aba hyehyɛ wɔn ntadeɛ mu. Afei sɛ ɔwie a na ɔfoforɔ nso abɔ ne tirim ayi mmɔfra no mu baako a ɔsusu sɛ ɔno na aba no hyɛ ne ho. Sɛ ɔtumi hunu aba no a, na ɔno nso agye ahyehyɛ no foforɔ ama baako a ɔne no repere no nso abɔ ne tirim aka.Ɛyɛ agorɔ a na ɛyɛ anika pa ara. Agorɔ yi mu dwom ne " Pempenaa, Nanaa,Seee see see,dada koo. Na wɔtaa di saa agorɔ yi awia.
  • Ampe: Saa agorɔ yi deɛ na ɛyɛ mmaa titire na wɔdi. Na na wɔdi no anɔpa-wia anaa sɛ awia. Saa agorɔ yi agofomma no hurihuri bɔ wɔn nsam toto wɔn nan.
  • Asɔ: Agorɔ yi nso ɛyɛ mmaa nko ara na na wɔdi. Wɔtwa konkasini a na wɔahurihuri wɔn mu baako de ɔbarima a onipa a wɔahurihuri no no pɛ n’asɛm pa ara din asaesae dwom ama no.Ɛba saa a na ɔbarima korɔ no tiri ayɛ kotoo.[5]
  • Ntɛsie: Akanfoɔ agorɔ no mu baako pa ara ne ntɛsie.Ɛyɛ agorɔ a mmarima na wɔtaa di. Wɔyɛ biribi te sɛ apa ketewa bi wɔ fam, na wɔatwane ntɛ asisi so. Sɛ w’atɛ tumi bɔ obi deɛ firi apa no so tɔ fam a, na wo afa atɛ a wo deɛ no bɔ too fam no. Wɔyɛ no saa de kɔpem sɛ ɔbaakofoɔ bɛnya ntɛ no nyinaa.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Akanfoɔ agorɔ ahodoɔ 11 binom (in American English), 2022-10-29, retrieved 2025-07-19
  2. Asante Twi Kasa (in American English), retrieved 2025-07-19
  3. Akanfoɔ agorɔ ahodoɔ 11 binom (in American English), 2022-10-29, retrieved 2025-07-19
  4. Abadintoɔ wɔ Akanman mu (in Canadian English), retrieved 2025-07-19
  5. Ɔmanpanin Akuffo Addo ayi Owura Charles Adu Boahen adi (in American English), retrieved 2025-07-19