Akan Kɔnsonante
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kɔnsonante yɛ nnyegyeɛ a mpɛn pii no sɛ yɛreka a, mframa a ɛfiri yɛn ahurututuo mu repue no ntumi mma waa, na mmom ɛtaa hyia akwansideɛ beberee firi ɔhonam akwaa a ɛboa ma yɛyɛ nnyegyeɛ no te sɛ anofafa, tɛkyerɛma, ɛse ne deɛ ɛkeka ho.[1]
Ɛwom sɛ, sɛ yɛyi vawol nson no firi Akan atwerɛdeɛ no mu a, deɛ aka no nyinaa yɛ kɔnsonante deɛ nanso yɛn kasa ne twerɛbea mu no, yɛtumi nya bi ka ho. Yei nti kɔnsonante a ɛwɔ Akan kasa mu ne deɛ ɛdidi soɔ yi; P,b,t,d,k,g,m,n,ny,r,l,f,s,hw,hy,h,ts,dz,tw,dw,ky,gy,w,y. [2]Yɛn kasa mu no, yɛtumi nya nnyegyeɛ binom ka kɔnsonante yi ho.[3]
Afei nso yɛhu sɛ kɔnsonante fɔnɛteke nnyegyeɛ binom nso wɔ hɔ a wɔde atwerɛdeɛ mmienu na wɔde bom twerɛ anaa wɔde bom gyina hɔ ma no. Deɛ ɛyɛ anigyeɛ mpo ne sɛ, fɔnɛteke kɔnsonante biara a wɔde atwerɛdeɛ mmienu bom gyina hɔ ama no no, mpɛn pii no ɛwɔ fɔnɛteke nnyegyeɛ koro pɛ; Nhwɛsoɔ- gy -dz, ts-ts.[4]
Akan Kɔnsonante Fɔnɛteke Su
[sesa]Nneɛma mmiɛnsa na yɛgyina so kyerɛkyerɛ Akan kɔnsonante wɔn fɔnɛteke su, na yeinom ne;
Deɛ ɛdi kan yɛ baabi anaa beaeɛ a yɛka kɔnsonante no(Place of articulation)
[sesa]Yei nteaseɛ no gyina nneɛma mmienu so;
Anofafa a ɛwɔ soro;
[sesa]Sɛ yɛka sɛ anofafa a ɛwɔ soro a, na ɛkyerɛ yɛn anofafa a ɛwɔ soro no, ɛse a ɛwɔ soro no nyinaa ne yɛn anom soro no nyinaa.
Anofafa a ɛwɔ fam
[sesa]Yei nso kyerɛ anofafa a ɛwɔ fam no, ɛse a ɛwɔ fam no nyinaa ne tɛkyerɛma no nyinaa.
Yɛn.kasa mu, berɛ biara no, yɛn anofafa a ɛwɔ soro no nkeka ne ho anaa sɛ ɛtim faako. Anofafa a ɛwɔ fam no mmom na berɛ biara ɛma ne ho so kɔ deɛ ɛwɔ soro no ho. Ne saa nti ɛkyerɛ sɛ anofafa no na ɛkeka ne ho wɔ ɔkasa mu.
Ɔkwan a.yɛfa so kyerɛ baabi anaa beaeɛ a yɛka kɔnsonante no (Place of articulation) ne sɛ, sɛ fam anofafa no ma ne ho so kɔ soro deɛ no ho a, baabi a ɛbɛkɔ akɔka wɔ ɛsoro na, ɛkyerɛ edin a yɛde to kɔnsonante no. Ɛha no, yɛwɔ gyinaberɛ anaa beaeɛ nwɔtwe, sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi;
- Anofafa (Bilabial). Nhwɛsoɔ, (p, b, m, w).
- Anobatase (Labio-dental) Nhwɛsoɔ, (f).
- Ɛse (Alveolar) Nhwɛsoɔ, (t, d, n, s, ts, dz, r,l).
- Dada-Mu Anim (Pre-Palatal) Nhwɛsoɔ, (tw, dw, ky, ny, hy, hw).
- Dada-Mu Denden (Palatal) Nhwɛsoɔ, (j, )
- Dada -Mu Denden Kurukuruwa (Labio Palatal) Nhwɛsoɔ,(O)
- Dada -Mu Bɛtɛɛ (Velar) Nhwɛsoɔ, (k, g).
- Dada-Mu Bɛtɛɛ kurukuruwa.[5]
Deɛ ɛtɔ so mmienu ne Kɔnsonante no Yɔbea
[sesa]Ɔkwan a mframa a ɛfiri yɛn ahurututuo mu fa so pue wɔ kɔnsonante ka mu no nso gu ahodoɔ nson. Wɔne;
- Agyinaeɛ (Plosive) Nhwɛsoɔ, (p, t, k, b, d, g).
- Ɛhwenem (Nasal) Nhwɛsoɔ, (m, n).
- Nkyeremu (Fricative) Nhwɛsoɔ, (f, s, hy, ny).
- Agyinaeɛ-Nkyeremu (Affricate) Nhwɛsoɔ, (ky, gy, dz, ts,dw, tw).
- Nkyɛnmu (Lateral) Nhwɛsoɔ, (l).
- Mmobɔeɛ (Roll or Triill) Nhwɛsoɔ, (r).
- Annayaanyɛ Vawol (Semi-vawol or glide) Nhwɛsoɔ, (w, j).
Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne Gyinabea wɔ dwɛɛdwɛɛwa mu (State of the Glottis).
[sesa]Dwɛɛdwɛɛwa mu gyinaberɛ mmienu pɛ na ɛhia wɔ kɔnsonante fɔnɛteke su kyerɛ mu. Yeinom ne;
Deɛ ɛmu pi (voiced)
[sesa]Sɛ yɛka sɛ kɔnsonante nnyegyeɛ bi yɛ deɛ ɛmu pi a, na ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛreka nnyegyeɛ no a, nhoma nhoma a ɛsesa yɛn menem no twe bɛn ho. Yei ma mframa a ɛfa mu no ho kyere no ma nhoma nhoma no woso woso. Sɛ ɛba saa a na ɛkyerɛ sɛ nnyegyeɛ no mu pi. Nhwɛsoɔ; (b, d,g, m, n, dz,dw,j,w, r).
Deɛ ɛmu mpi (voiceless)
[sesa]Ɛha deɛ nhoma nhoma a ɛsesa yɛn menem anaa sɛ yɛ dwʋʋdwɛɛwa mu no te kɔda afaafa anaa sɛ ɛmu baabae. Wnti mframa no fa mu waa a biribiara nsi no kwan. Nhwɛsoɔ; (p, s, t, ts, hy, hw, ky ne tw).
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Yaw (2016-06-03), The Akan (Twi) Alphabet (in American English), retrieved 2025-07-24
- ↑ LEARNAKAN (2019-06-08), The Akan (Twi) Consonants Revisited | ALL ABOUT THE SOUNDS | LEARNAKAN.COM, retrieved 2025-07-24
- ↑ University of Wisconsin-Madison Students in African 671, The Akan alphabet (in English), retrieved 2025-07-24
- ↑ Twi Lectures (2021-06-04), Akan (Twi) Vowels & Consonants, retrieved 2025-07-24
- ↑ Kwasi Adomako, VOWEL EPENTHESIS AND CONSONANT DELETION IN LOANWORDS: A STUDY OF AKAN, retrieved 2025-07-24