Jump to content

Akɔm

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akɔm yɛ tete honhom mu amammerɛ ma Akanfoɔ ne Cote d’Ivoire man no a ɛka wɔn amammerɛ ne wɔn som ho.Akɔm dwumadie no yɛ honhom mu nnipa a wɔfrɛ wɔn "Akɔmfoɔ" na wɔyɛ.[1]Wɔn na wɔgyina hɔ sɛ ntamgyinafoɔ wɔ nnipa ne abosom no ntam sɛ ahonhom no bɛfa wɔn so ada wɔn ho adi akasa akyerɛ nnipa. Mpɛn pii no,saa ahonhom yi wɔ abɔdeɛ binom mu te sɛ nnua,nsuo,mmepɔ,mmoa ne ade a wɔgyina hɔ sɛ ntamgyimafoɔ wɔ wɔne Ɔbɔadeɛ ne nnipa ntam.[2]

Sɛ ɛduru akɔm berɛ mu a twenebɔ,asa ne nwontoɔ ka ho no a, ahohhom no kasa kyerɛ nnipa,wɔkyerɛ ayaresa,wɔkyerɛ banbɔ ne nneɛma ahodoɔ. Saa nneyɛeɛ yi ayɛ adiyie ne honhom mu kasakyerɛ a ɛboa siesie ntɔkwa ahodoɔ na wɔboa ma asomdwoe di hene wɔ mantam ne kuro no mu.

Akan Kɔsmɔlɔgyi

[sesa]

Wɔ Akan kɔsmɔlɔgyi mu no,akɔm yɛ ne abosomsom na ɛnam ne nsamanfrɛ a ɛkyerɛ gyidie ahodoɔ a ɛda adi wɔ ahonhom ahodoɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.[3][4]Wɔ Akanman mu no,akɔm yɛ honhom adeɛ mu nneyɛeɛ a ahonhom nam so kasa kyerɛ nnipa fa banbɔsɛm ho,ayaresa ne mpatamu mu asomdwoe ho.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kora Amammerɛ (2023-05-22), Akɔm, The Ancient Spiritual Tradition of the Akan People., retrieved 2025-07-14
  2. Recording: Akan (Twi) Workshop: Akɔm Abosom and Mmoatia Songs (in American English), 2025-07-08, archived from the original on 2025-04-28, retrieved 2025-07-14
  3. Becoming a Modern Healer from the Ancient World of AkƆm (Paperback) | Harvard Book Store (in English), retrieved 2025-07-14
  4. Caribbean Studies Association » New Book: BECOMING A MODERN HEALER FROM THE ANCIENT WORLD OF AKƆM (in American English), retrieved 2025-07-14