Aisha Rateb
Aisha Rateb | |
|---|---|
| Awo bere | 22 February 1928 |
| Owu bere | Nhwɛsoɔ:D-da Giza |
| Din foforo | Aisha Rateb Soad |
| Citizenship | Egypt |
| Sukuu a w'akɔ | Cairo University |
| N'adwuma | Mmaranimni ne amanyɔni |
| Yɛnim no sɛ | Egypt ɔbaa aban ananmusini a ɔdi kan |
Aisha Rateb (Arabic: عائشة راتب; 22 February 1928 – 4 May 2013) yɛ Egyptni mmaranimni, amanyɔni, ne Egypt ɔbaa aban ananmusini a ɔdi kan. Na ɔsan yɛ aman ntam mmara ho ɔbenfo wɔ Cairo University[1].
Ne Ho Asɛm
[sesa]Wɔwoo Rateb wɔ Cairo maa abusua a wɔwɔ nhomasua na wɔn sika nni so dodoɔ[2].
Nhomasua
[sesa]Bere a ɔkɔɔ sukuupɔn no, ɔdii kan sua literature wɔ Cairo University. Nanso bere a ɛyɛ nnanson pɛ na ɔsuaa no, ɔdanee ne ho kɔɔ mmara ho adesua[2]. Rateb Cairo University wɔ 1949 mu. Ɔkɔɔ Paris twa twa kakraa bi kɔsuaa ade, na ɔnyaa nʼPhD wɔ mmara mu wɔ 1955 mu[2].
Dwumadie
[sesa]Mmaranim Dwumadie
[sesa]Wɔ 1949 mu no, Rateb de ne ho too so sɛ ɔmmɛyɛ Conseil d'État (Egypt asɛmten a ɛkorɔn) temmufoɔ. Wɔpoo no ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔbaa[3]. Saa bere no ɔmanpanin, Hussein Serry Pasha , kae sɛ sɛ ɔbaa bɛyɛ temmufo a, "ɛkɔ tia ɔman no amammerɛ "[2]. Rateb de aban kɔɔ asɛmten sɛ wɔabu ne aban mmara mu tumi so[4]. Ne asɛm no yɛɛ Egypt asɛm a ɛdi kan wɔ ne su mu. Ɛwɔ mu sɛ odii nkogu deɛ, nanso Conseil d'État panyin, Abdel-Razek al-Sanhouri, gye too mu sɛ odii nkogu ɛfiri amanyɔsɛm ne amammerɛ mu nti, na ɛnyɛ Egypt mmara anaasɛ sharia mmara mu[5]. Saa asɛm ne al-Sanhouri nkyerɛkyerɛmu maa mmaa afoforɔ nso gyinaa so kɔɔ asɛmten. Nanso ɛkɔɔ sɛ 2003 mu na wɔpaw ɔbaa temmufoɔ a ɔdi kan wɔ Egypt, Tahani al-Gebali[6]. Wɔ 2010 mu no, Egypt ɔmanpanin hyɛɛ sɛ wɔnsan nnhwɛ asɛm a wɔpoo mmaa sɛ wɔnyɛ temmufo no ho[7]. Wɔ July 2015 mu no, wɔhyɛɛ mmaa 26 nsew sɛ temmufoɔ[5].
Amanyɔsɛm Dwumadie
[sesa]Rateb ka Arab Socialist Union Central Committee ho wɔ 1971 mu . Ɔboaa ma wɔtwerɛɛ Egypt aban mmara foforɔ . Wɔ bagua no mu nyinaa, ɔno nko ara na ɔtiaa "tumi a ɛboro so a aban mmara no de maa ɔmanpanin Anwar al-Sadat saa bere no"[2].
Akyiri yi, ɔsom sɛ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Ahyɛde ne Asetra Ho Adwumayɛ firi 1974 kosi 1977. Ɔyɛ ɔbaa a ɔtɔ so abien a ɔsom wɔ saa dwumadie mu[8]. Bere a na ɔwɔ saa dwumadie mu no, ɔtumi de nsakrae maa mmaa wɔ ɔman no mu. Ɛwɔ mu sɛ fundamentalist sheikhs bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe ne din deɛ, nanso ɔtumi yɛɛ ne dwumadie[9]. Rateb de ahye too awareɛ a ɔbarima ware ɔbaa dodoɔ so. Ɔsan yɛɛ sɛ awareɛ gu nyɛ mmerɛw gye sɛ temmufoɔ na ɔhwɛɛ mu. Ɔboaa ahiafo, na ɔtoo mmara a ɛboa ma wɔn a wɔwɔ ɔhaw no nya adwuma[2]. Bere a aban yii boɔ firi ade titiriw so a na ɛbɛyɛ ahiafo na wɔbɛhu no, ɔgyae adwuma wɔ 1977 mu wɔ paanoo atawatawa no mu[2].
Wɔ 1979 mu no, wɔpaw Rateb sɛ Egypt ɔbaa aban ananmusini a ɔdi kan[10]. Sɛ aban ananmusini no, ɔde Egypt kɔɔ "gyinabea a ɛyɛ pɛ wɔ wiase a aman ntam nkitahodi mu na ɛyɛ den". Ɔsom sɛ aban ananmusini wɔ Denmark firi 1979 kosi 198 ne Federal Republic of Germany firi1981 kosi 1984[1].
Rateb tiaa Egypt ɔmanpanin a na ɔwɔ hɔ, Hosni Mubarak . N'adwene ne sɛ nʼabadiem maa ɔtwe a ɛda ɔdefo ne ohiani ntam no mu kɛseɛ[9].
Ne Wuo
[sesa]Rateb wui wɔ Giza wɔ 4 Kɔtɔnimaa 2013 mu. Nʼakoma gyaee adwuma pa ara[11][12][13].
Baabi a meyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 Arab Women - first name index, archived from the original on 2006-06-14, retrieved 2026-03-26
- 1 2 3 4 5 6 7 Aisha Rateb Biography | Pantheon (in English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Mortgaging women's lives : feminist critiques of structural adjustment, Internet Archive, London ; Atlantic Highlands, N.J. : Zed Books, 1994, ISBN 978-1-85649-101-3, retrieved 2026-03-26
{{citation}}: CS1 maint: others (link) - ↑ "Aisha Rateb", Egypt Today (in American English), 2013-11-20, archived from the original on 2014-12-16, retrieved 2026-03-26
- 1 2 Nancy Messieh (2015-07-22), A Win for Women in Egypt's Courts (in American English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Ashraf Khalil (2003-09-23), Egypt's First Female Judge May Remain 'The Only' (in American English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Peter Kenyon (2010-04-03), "Female Judges In Egypt Battle Against Old Ideas", NPR (in English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Obituary: Aisha Rateb (1928-2013)Women’s struggle: one champion down - Al-Ahram Weekly, retrieved 2026-03-26
- 1 2 Book sources - Wikipedia (in English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Earl L. Sullivan (1986), Women in Egyptian public life, Internet Archive, Syracuse, N.Y. : Syracuse University Press, ISBN 978-0-8156-2354-0, retrieved 2026-03-26
- ↑ Daily News Egypt (2013-05-04), Egypt’s first female ambassador dies at 85 - Dailynewsegypt (in American English), retrieved 2026-03-26
- ↑ Egypt's first-ever female ambassador and minister dies at 85 - Politics - Egypt, retrieved 2026-03-26
- ↑ Egypt's first female ambassador dies at 85, retrieved 2026-03-26