Jump to content

Ahweneɛ

Ɛfi Wikipedia
Ahweneɛ ho mfoni

Ahweneɛ yɛ ayɛneɛ bi a mmaa ne mmarima nyinaa de yɛ wɔn ho wɔ wiase afanaa pii no ara mu, na ɛma wɔn da nso na ekuo biara nso ne edin a wɔde frɛ no. Wɔ Ghana ha sɛ nhwɛsoɔ no, Nkranfoɔ frɛ no ‘Ashinong’, Adangmefoɔ frɛ no ‘Mue’, Akanfoɔ frɛ no ‘Ahweneɛ anaa Ahondze’, ɛna Anwonafoɔ nso frɛ no ‘Dzonu’. Wɔhyɛ ahweneɛ wɔ adwabɔ ahodoɔ bi te sɛ dipo, bragorɔ, ayie, abadintoɔ, awaregyeɛ ase, ne deɛ ɛkeka ho. [1]

Ahweneɛ ahodoɔ

[sesa]

Akanfoɔ ne Anwonafoɔ wɔ ahweneɛ bi a ɛho hia wɔn pa ara wɔ wɔn asetena yi mu na saa ahweneɛ yi na Akanfoɔ frɛ wɔn deɛ no Abodom ahweneɛ (Bodom no kyerɛ sɛdeɛ esi yɛ dede si fa), esiane sɛ bodom baako tumi bɛyɛ mmienu wɔ berɛ tiawa bi mu na ɛnyaa n’abɔseɛ firi Asaase Yaa hɔ. Ahweneɛ korɔ yi ara na Avotri nso kyerɛ sɛ, Anwonafoɔ frɛ no Akosu Dzonu anaa ahweneɛ a ɛyɛ kurukuruwa a ɛkura ramboo ahosuo no nyinaa bi wɔ ho. [2]

Mpɛtia nso yɛ ayɛneɛ bi a Ghanafoɔ ntoto no ase koraa na ne titire ne Akanfoɔ. Akanfoɔ binom de bi hyɛ wɔn nsa tea ahodoɔ no ne wɔn nan, a nsɛnkyerɛnne ahodoɔ pii na ɛdi ahim wɔ so na ɛbi ne; Pitre, Sebɔ, Gyata, ne Abuburo.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Adeline Baidoo, John Benjamin Aidoo, Kennedy Asenso (2022-11-16), "Contemporary Trends of the Bead Jewelry Industry in Ghana", International Journal of Art, Culture, Design, and Technology, vol. 11, no. 1, pp. 1–26, doi:10.4018/ijacdt.313934, ISSN 2155-4196, retrieved 2025-09-02{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. National Commision on Culture – Ghana (in American English), 2025-08-28, retrieved 2025-09-02
  3. D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English), retrieved 2025-09-02