Jump to content

Ahwɛgorɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ahwɛgorɔ yɛ kasadwini nkorabata mmiɛnsa no mu baako.

Nkyerɛaseɛ

[sesa]

Ahwɛgorɔ yɛ atwerɛ kasadwini bi a wɔnam agorɔmma nkɔmmɔdie ne nhyehyɛeɛ binom so, hyɛ da de da nnipa atenka, ayɔnkofa anaa ntawantawa a ɛkɔ so wc yjn daadaa asetena mu adi.[1] Ɛyɛ akadeɛ soronko bi a onipa fa so de twa adasa daadaa asetena [2]mu nsɛm, amammerɛ ne amanneɛ, ayɔnkofa ne abusuabɔ ho mfoni de kyerɛ atiefoɔ anaanaa ahwɛfoɔ ma wɔnya mu nteaseɛ. [3][4]

Baabi a yɛnya Ahwɛgorɔ firi

[sesa]

Akanfoɔ ahwɛgorɔ farebae yɛ mmienu. Sɛdeɛ yɛwɔ Atwerɛ kasadwini no fa a ɛyɛ ahwɛgorɔ no, saa ara na anosɛm kasadwini nso nkorabata mmiɛnsa no baa ko ne ahwɛgorɔ.

Nhwɛsoɔ

[sesa]

Anosɛm Kasadwini mu ahwɛgorɔ no yɛ adeɛ a ɛka daadaa nneyɔeɛ ho. Woba Akanman mu a, Kwan a yɛfa so to abɔfra bi din, bragorɔ, ayiyɔ, awaregyeɛ agorɔ ahodoɔ ne ade nyinaa wɔ ahwɛgorɔ su. Deɛ ɛda nso wɔ anosɛm kasadwini fam ahwɛgorɔ ho ne sɛ, ɛyɛ a, nneɛma a ɛsisie no nyɛ bɔserɛmuka. Sɛ obi na awu a, ɛyɛ owuo ankasa, sɛ obi reware a, ɛyɛ awareɛ ankasa. Ɛnyɛ agorɔ bi a yɛgyina nkorɔfoɔ bi anan mu twa no mfoni kyerɛ amamsan.[5]

Atwerɛtwerɛ kasadwini fam ahwɛgorɔ no deɛ, ɛtaa yɛ bɔserɛmuka. Ɛyɛ nsɛm a nkorɔfoɔ regyina wɔn a ɛtotoo wɔn no ananmu atwa mfoni bi akyerɛ. [6]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  3. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  4. David R. Johnson, David Read Johnson, Renee Emunah (2009), Current Approaches in Drama Therapy (in English), Charles C Thomas Publisher, ISBN 978-0-398-08550-6, retrieved 2025-08-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. David R. Johnson, David Read Johnson, Renee Emunah (2009), Current Approaches in Drama Therapy (in English), Charles C Thomas Publisher, ISBN 978-0-398-08550-6, retrieved 2025-08-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. David R. Johnson, David Read Johnson, Renee Emunah (2009), Current Approaches in Drama Therapy (in English), Charles C Thomas Publisher, ISBN 978-0-398-08550-6, retrieved 2025-08-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)