Jump to content

Ahosuo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

yɛka sɛ brirbi ahosuo a, yɛrepɛ akyerɛ ade korɔ no kɔla. Kola no bi ne kɔkɔɔ, tuntum,fitaa/fufuo,bibire, akokɔ seradeɛ, dodeɛ, ahahanmono, ne deɛ ɛkeka ho. Saa ahosuo ahodoɔ a yɛabobɔ so yi mu biara yɛ ahyɛnsodeɛ ma biribi. Ɛha yi, yɛrehwɛ deɛ ahosua biara gyina hɔ ma wɔ Akanman mu[1].

Deɛ Ahosuo Biara Gyina hɔ Ma

[sesa]

KƆKƆƆ: Kɔkɔɔ gyina hɔ ma ɔdɔ, anibere, awerɛhoɔ, yawdie, amanehunu ne nea ɛkeka ho. Wɔ Akan man mu no, sɛ wohunu sɛ obi hyɛ ataadeɛ anaa sɛ ɔfura ntoma kɔkɔɔ a, ɛkyerɛ sɛ onipa no wɔ anibere, yaw, amaneɛ anaa sɛ awerɛhoɔ mu. Akanfoɔ de koogyan anaa kɔbre kyekyere biribi ho kyerɛ ade korɔ hu a ɛyɛ.

TUNTUM: Wɔ Akan man mu no, tuntum di dwuma te sɛ kɔkɔɔ pɛpɛɛpɛ. Mpɛn pii no sɛ Akanfoɔ wɔ ayiyɔ mu a, wɔfura tuntum ne kɔkɔɔ de kyerɛ sɛ anibere aba anaa sɛ wɔwɔ awerɛhoɔ mu[2].

FITAA: Wɔ Akan man mu no, fitaa gyina hɔ ma nkonimdie, anigyeɛ ne ahoteɛ. Berɛ a wotaa hunu sɛ obi fura fitaa yɛ berɛ a onipa no  awo foforɔ. Ɔhyɛ fitaa de kyerɛ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ n'awoɔ mu. Sɛ Akanfoɔ reto abɔfra din a, wɔfura fitaa de kyerɛ sɛ wɔwɔ anigyeɛ mu. Sa ara nso na sɛ obi yare ma ne ho tɔ no anaa sɛ obi nya ne tiri didi mu wɔ akwanhyia kɛseɛ bi anaa sɛ atowerɛnkyɛm bi mu a, ɔfura fitaa de kyerɛ nkonimdie ne anigyeɛ[3].

BIBIRE: Bibire gyina hɔ ma faahodie, abɔdeɛ, tumi, nyansa ne ahoɔfɛ.

AKOKƆSRADEƐ: Akokɔsradeɛ gyina hɔ ma yiedie, anidasoɔ, nnaadaa, hwammɔ ne ade.

SIKA KƆKƆƆ: Sika kɔkɔɔ gyina hɔ ma yiedie, tumi, ahoɔfɛ ne animuonyam.

AHABAMMONO: Ahabammono gyina hɔ ma nyini, ade foforɔ anaa ahyɛaseɛ foforɔ, nkwa, abɔdeɛ ne nyansa.

DODOEƐ: Dodoeɛ gyina hɔ ma abɔdeɛ, owuo, ahotɔsoɔ ne ahoɔden.

ANKAAHONO: Ankaahono gyina hɔ ma atenka, anigyeɛ ne adeɛ a abere[4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Patrique deGraft-Yankson (2020-09-01), "Of the Akan people: Colour and design education in Ghana", International Journal of Education Through Art (in English), vol. 16, no. 3, pp. 399–416, doi:10.1386/eta_00041_1, ISSN 1743-5234, retrieved 2025-08-27
  2. Adeɛ bi su (Ahyɛnsodeɛ) (Colors) | The 200 Word Project, retrieved 2025-08-27
  3. Yaw (2016-06-27), The Twi Names of Some Basic Colours (in American English), retrieved 2025-08-27
  4. Patrique deGraft-Yankson (2020-09-01), "Of the Akan people: Colour and design education in Ghana", International Journal of Education Through Art (in English), vol. 16, no. 3, pp. 399–416, doi:10.1386/eta_00041_1, ISSN 1743-5234, retrieved 2025-08-27