Ahomatorofoɔ
Ahomatorofoɔ yɛ afidie ketewa bi a, yɛtumi de frɛ obi na obi nso tumi frɛ si so nanso ɛwɔ sɛ beaeɛ korɔ a wode ahomatorofoɔ no redi dwuma no "netwerk" wɔ hɔ. Yɛwɔ ahomatorofoɔ no ahodoɔ mmienu a baako ne ahomatorofoɔ bi wɔ hɔ a yɛkasa wɔ so anaa yɛde twerɛ nsɛm bi de mane obi na mmom wontumi mfa nkɔ abɛɛfo ntentan so nkitahodie so. Saa ahomatorofoɔ no na yɛfrɛ no "feature phone" na ebi nso wɔ hɔ a wotumi kasa wo so,twerɛ nsɛm wɔ so de mane obi san de ko abɛɛfo ntentan so na ɛno nso na yɛfrɛ no "smart phone" no.
John F.Mitchell ne Martin Cooper na ɛdii kan yɛɛ ahomatorofoɔ no bi a wɔtoo din "Motorola" wo afe apem, aha nkron aduɔnson mmiɛnsa (1973) mu. Nnɛ yi deɛ afidie yi abu ma wiase mu nnipa dodoɔ no ara wɔ bi. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wiase mu nnipa ɔha nkyekyɛmu aduɔnson (70%) na ɛwɔ afidie yi bi. "Mobile phone" a ɛdi akotene na yɛtɔ no dodoɔ pa ara yɛ "Samsung, Apple ne Huawei".
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]1.https://onlinelibrary.wiley.com/doi/full/10.1002/jid.1716
2.https://philpapers.org/rec/AFOTNB