Jump to content

Ahmed Alhassan Yakubu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Ahmed Alhassan Yakubu
Member of the Ghanaian Parliament
for Mion
Bere
2004–2016
Ne ho asɛm
Awo bere3 December 1957
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔImperial College London
N'adwumafarmer

Ahmed Alhassan Yakubu (wɔwoo no 3 December 1957) yɛ Kuadwuma/Kuafoɔ pa ne Ghana amanyɔni. Ɔsan yɛ Fourth Republic mmrahyɛbagua a Ɛto so Nsia no muni a ogyina Mion Mantam no ananmu .

Ankorankoro asetra

[sesa]

Yakubu yɛ Muslimni, na waware na ɔwɔ mma mmiɛnsa.

Mfitiase asetra ne nhomasua

[sesa]

Wɔwoo Yakubu wɔ 3 Ɔbɛnem 1957. Ɔfiri Sang kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu . Owiee Imperial College, London Sukuupɔn, na onyaa ne Doctor of Philosophy abodin krataa wɔ Agronomy mu wɔ afe 2000.

Amanyɔsɛm

[sesa]

Yakubu yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ December 2004 Ghana Amansan Abatoɔ no mu sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Mion mantam no . Ɔnyaa abatoɔ 10,568 wɔ abatoɔ 27,034 a ɛfata a wɔtoo no mu a egyina hɔ ma 39.10%. Ɔdii nkonim wɔ ne sanba a wɔsan paw no wɔ afe 2008 mu a ɔnyaa abatoɔ 11,977 wɔ abatoɔ 27,118 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 44.17%. Ɔsan sii akan wɔ afe 2012 mu na ɔnyaa abatoɔ 9,931 wɔ abatoɔ 25,115 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 39.54%.

Adwuma

[sesa]
  • Nyansahu ne Mfiridwuma mu Nhwehwɛmu Bagua - Savanna Kuadwuma Nhwehwɛmu Asoɛe
  • mmrahyɛbagua no muni (Ɔpɛpɔn 2005 – Ɔpɛpɔn 2017)
  • Okuafo/kuafo

Nsɛm a wɔde gyinaa so

[sesa]