Ahensie
Ahensie yɛ amanneɛ a Akanfoɔ yɛ berɛ a ɔhene bi awu na wɔde ɔhene foforɔ rehyɛ n'anan [1].
Ahensie yɛ adeɛ a ɛho hia yie, ɛfiri sɛ ɔman biara wɔ wura. Saa nti ɔman biara hia wɔn wura a ɔbɛhwɛ wɔn so ama biribiara atɔ yie. Ɔman biara mpɛ sɛ nananom agyapadeɛ wɔde nyansa ne wɔn akokoduro apɛ agya wɔn nsa akɔ baabi basaa nti ɛtwa sɛ wɔnya obi a ɔfata a ɔbɛtumi abɔ ho ban yie. Yeinom berɛ biara ɛtwa sɛ wɔbɛnya obi a ɔbɛsi wɔn nananom anan mu wɔ agu nsa ama akonnwa no aduane asrɛ nkwa afiri Onyankopɔn hɔ ama wɔn [2]
Akan Ahensɛm Nnidisoɔ
[sesa]Wɔakyekyɛ akanfoɔ tumidie mu. Wɔhyɛ aseɛ firi nketewa mu kɔ akɛseɛ mu. Yɛfiri nkitiwa mu rekɔ akɛseɛ mu a, yɛwɔ Dikuro. Adikuro no na wɔhwɛ nkuro nketewa anaa nkuraa so. Wɔnyɛ nkuro no so na mmom ɛnyɛ wɔn dea. Wɔfiri hɔ a yɛwɔ Aberempɔn. Wɔn nso hwɛ nkuro akɛseɛ mmorɔno ahodoɔ so. Sɛ ebia, yɛba Kumasi a, Amakomhene, Tafohene, Ayeduasehene ne Sɔkɔbanhene Asɔkɔre Mampɔnhene nyinaa yɛ aaberempɔn. Afie, yɛwɔ amanhene a adikuro hyɛhyɛ wɔn ase. Asanteman wɔ amanhene binom te sɛ Ejisu manhene, Kokofu manhene, Asante Mampɔnhene nyinaa yɛ amanhene. Ɛno akyi ansa na yɛaba ɔhempɔn no ankasa. Sɛ ebi a Asante a, ɔhempɔn no ankasa ne Asantehene. [3]
Asɛmfua Ɔhene Abɔseɛ
[sesa]Ɔhene yɛ obi a ne ho yɛ hene. Asekyerɛ ne sɛ, ɔyɛ obi a ɔnam akwannuasa so boa, ɔtumi wura baabiara, ɔyɛ ɔkofoɔ, na nnipa bebree nso nim no. Sɛ Ɔberempɔn bi kɔ ne nsumankyire anaa akonnwa tɔ a, wɔsi ɔhene foforɔ. Sɛ ɛkyɛ na wɔansi n'anan mu a, na ɔman no awu.[4]
Nnoɔma a wɔhwɛ ansa na wɔapa obi sɛ ɔhene. Sɛ akonnwa bi tɔ a, adehyeɛ a wɔtumi di akonnwa no Kɔsrɛ. Ɛkwan a wɔfa so srɛ ne sɛ wɔde dwantoa fa panin bi a n'anim wɔ fɛdeɛ so kɔto ɔhemaa ne ne mpanimfoɔ anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi akonnwa no. Ɔhemaa nso ne ne mpanimfoɔ booboo ho wie a, na wɔapa obi a wɔsusu sɛ ɔsɛ fata.[5]
Apatamtena
[sesa]Wɔnya ɔhene ananmusini a, wɔde no kɔtena apata mu. Ɛno ne sɛ, wɔde no kɔsie baabi kyerɛkyerɛ no nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔhene hunu nyinaa. Saa berɛ no, owu a, yɛsɛ apata abu abɔ no. Kyerɛ sɛ akonnwa no mpɛ no [6]
Nsuaeɛ
[sesa]Apatamutena akyiri no, wɔde no pue ma ɔsue kyerɛ ne mamfoɔ. Ɔsan so kɔsue kyerɛ ɔhempɔn a ɔrebɛhyɛ n'ase no. [7][8]
Baabi a Mmoa Firi
- ↑ J. K. Ransom (1997), Maize productivity gains through research and technology dissemination (in English), CIMMYT, ISBN 978-92-9146-025-0, retrieved 2025-07-01

- ↑ Seth Ayim Gyekye (2006-01-01), "Workers' Perceptions of Workplace Safety: An African Perspective", International Journal of Occupational Safety and Ergonomics, vol. 12, no. 1, pp. 31–42, doi:10.1080/10803548.2006.11076667, ISSN 1080-3548, PMID 16553998, retrieved 2025-07-01

- ↑ Michael Bamidele Adeyemi, Lewis Asimeng‐Boahene (2001-06-01), "Democracy and Social Studies Education at the Junior Secondary School Level in Botswana", Pastoral Care in Education, vol. 19, no. 2, pp. 15–20, doi:10.1111/1468-0122.00194, ISSN 0264-3944, retrieved 2025-07-01