Jump to content

Ahenema (Mpaboa)

Ɛfi Wikipedia
Ahenema Mpaboa

Ahenema Mpaboa yɛ mpaboa a nnipa bebree no ara de di dwuma wɔ wɔn ahosiesie mu wɔ amammerɛ kwan so. Wɔfirii aseɛ de dii dwuma wɔ afe ha a ɛtɔ so du nnwɔtwe (18th Century) mu berɛ a Asantehene a ɔtɔ so nnan, Otumfuo Osei Kwadwo Okoawia ne Asantehemaa Nana Konadu Yiadom a ɔdi kan dii adeɛ no.[1] Ne din n'abɔseɛ firi nsɛmfua "Ahene" ne "mma" mu.[1] Yei te saa ɛfiri sɛ tete no na Ahemfoɔ ne wɔn mmusua nko ara na wɔyɛɛ saa mpaboa yi maa wɔn nanso berɛ rekɔ so no, wɔmaa kwan maa nnipa ahodoɔ nyinaa nyaa bi hyɛeɛ.[2]

Ɛdin foforɔ a wɔde nim saa mpaboa yi ne Kyawkyaw. Saa asɛmfua yi nso, n'abɔseɛ firi nyegyeeɛ a ɛfiri nanteɛ a nnipa a wɔhyɛ saa mpaboa yi yɛ mu. Ahenema a ɛdi kan no, wɔde dua na ɛyɛɛ aseɛ no na nsisoɔ anaa ahenemapɔnkɔ no deɛ wɔde lɛda anaa aboa nwoma na ɛyɛ na ɛno na ɛkyerɛ ahenema no din. Aseɛ no gu mu ahodoɔ mmieɛnu na yei ne Asansato ne Atenee. Yei da nkyɛn a, wɔn a wɔyɛ anaa wɔn a wɔtɔ no tumi yɛ wɔn ankasa wɔn deɛ. [1]

Sɛ yɛde dwuma a ɛdi wɔ ahosiesie mu nio to nkyɛn a, wɔde di dwuma wɔ Asante Ahennie atemmuo mu nsɛm mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wɔyi obi nan ase ahenema a, na ɛkyerɛ sɛ wɔatu no adeɛ so.[3]

Ahenema Mpaboa din ahodoɔ

[sesa]

Ahenema Mpaboa din ahodoɔ no bi ne: [1]

  1. Ani bre a, ensɔ gya.
  2. Ebididi bi ekyi.
  3. Enku me fie, na enkosu me abontene.
  4. Da bɛn na me nsoroma bepue?
  5. Abuburo nkosua, adea ebɛyɛ yie no, ɛnnsɛe da.
  6. Asaase tokru, oibara bewura mu bi.
  7. Wo te meho asɛm a, fa akondwa tena so.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 3 4 https://www.researchgate.net/publication/375121675_Historical_and_Sociocultural_Relevance_of_Royal_%27Ahenema%27_Sandals_in_Asante_Culture?enrichId=rgreq-d7c453bcd20b4af047114783b02f2eb7-XXX&enrichSource=Y292ZXJQYWdlOzM3NTEyMTY3NTtBUzoxMTQzMTI4MTIwMjQyMzU0MkAxNjk4ODM4OTIwODAx&el=1_x_3&_esc=publicationCoverPdf
  2. Essel, O. Q. (2017). Searchlight on Ghanaian iconic creative hands in the world of dress fashion design culture (Unpublished PhD thesis). University of Education, Winneba.
  3. Ghanaweb (2007, August 18). Otumfuo sacks chief. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/economy/artikel.php?ID=129165