Jump to content

Ahenekyɛ / Ahene Bɔtire

Ɛfi Wikipedia

Ahenekyɛ / Ahene Bɔtire yɛ ɛkyɛ a ahemfo de siesie wɔn ti so na ɛma wɔn ahosiesie no di mu. [1]Abɔtire ahodoɔ no pii wɔ hɔ a watwa n'apampam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa bɛtumi afa wɔn tiri ase ɛfiri sɛ, ahemfo no tumi tena faako bɛyɛ nnɔnhwere pii wɔ dwumadie bi ase. Mpɛn pii no, abɔtire ne din no gyina adinkra nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ mu. Afei nso, wɔtumi hwɛ ɔhene bi abusuaban a ɔfiri mu na wayɛ abɔtire ama saa ɔhene no. Ahene bɔtire ne Ahenkyɛ gu ahodoɔ, na sɛ ɛba deɛ Ɔmanhene de siesie ne ho a, ɔtumi fa abɔtire ahodoɔ no mu biara a ɛne dwumadie a ɔrekɔ aseɛ no fa na ɔne ɔhene foforɔ biara mfa abɔtire korɔ wɔ saa dwumadie no ase. Mpɛn pii no nso, Ɔmanhene tae de abɔtire a nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ mu no nnɔɔso na ɛsiesie ne ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a botaeɛ a ɛtae ahosiesie no akyi bɛtumi apue.[2]

Ahenekyɛ / Ahene Bɔtire Ahodoɔ

[sesa]

Ahenekyɛ / Ahene Bɔtire gu mu ahodoɔ pii. Yei bi ne; [3]

  • Gye Nyame ne mfofo abɔtire
  • Efie abosea abɔtire
  • Gye Nyame, Nyansapɔ, ne obi nkaa bi a obi nso nka bi kyɛ
  • Korɔbɔnkyɛ
  • Funtumfunefu Dɛnkyɛmfunefu ne mfofo abɔtire
  • Mfofo ne nkwantanan abɔtire
  • Mmusuyideɛ ne mfofo abɔtire
  • Aya ne Gye Nyame abɔtire
  • Nsoroma abɔtire
  • Nsoroma ne ɔsrane abɔtire
  • Ԑse ne tɛkyerɛma abɔtire
  • Akokɔnan abɔtire
  • Aniwa abɔtire
  • Sɛbɛkorɔ kyɛ
  • Ahaherata abɔtire
  • Sɛbɛhoma abɔtire

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Agyemang ( 2006). Akanfoɔ Amammerɛ unpublished.
  2. D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English)
  3. D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English)