Jump to content

Ahayɔ

Ɛfi Wikipedia

Ahayɔ yɛ Akanfoɔ nnwuma no mu baako. Akanfoɔ wɔ nnwuma ahodoɔ pii a ebi ne asene, atono, ne ahayɔ. Ahayɔ yɛ abɔfoɔ adwuma. Ahayɔ yɛ adwuma a ɛyɛ den na ɛhia nnamyɛ, akokoɔduro ne wuram nimdeɛ pii [1].

Berɛ a Abɔfoɔ Yɛ Ha

[sesa]

Abɔfoɔ akunini ntaa nyɛ ha anadwo. Awia titire na wɔyɛ ha. Sɛ obi bɛkɔ anadwoha a, na ɛyɛ namkɔm na aba. Abofoɔ ntaa nkɔ atweeɛ ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma abɔpɔn ahayɔ. Abɔfoɔ yɛ ha wɔ baabi a wohunu sɛ mmoa no didie. Wɔfrɛ baabi ne nnua a mmoa didi hɔ no sɛ adie. Sɛ wohunu adie a, na wɔaforo anaasɛ wɔakɔte nkyɛn baabi. Abɔfoɔ taa hye ɛserɛ na sɛ ɛrefifiri frɔmfrɔm a, na mmoa afiri aseɛ rewe. Wɔnam wei so nya mmoa no. Wɔkɔte mmoa wɔ ɛserɛ mono no ho [2][3].

Sɛ ɔpɛ si nso a, wɔtaa kɔtɛ nsuo ho na sɛ mmoa no rekɔnom a, na wɔato wɔn. Wei nti na Akanman mu, Kwawu ne Bono pa ara na ahayɔ wɔ no, ɛfiri sɛ ɛhɔnom yɛ nserɛnoa[4].

Nneɛma a Abɔfoɔ De Kɔ Ha

[sesa]

Ataadeɛ: Ɔbɔfoɔ ataadeɛ yɛ tumm. Ɔhyɛ no aduro ma ɛyɛ tumm sɛnea sɛ ɔnam wuram a, mmoa renhu no nnwane nkɔ. Ɔde duku kyekyere ne tiri anaase ɔhyɛ ɛkye a wahyɛ no aduro tumm saa ara. Wɔfrɛ ɔbɔfoɔ ataadeɛ yi

"kuruie".

Aboba: Aboba yi gu ahodoɔ. Abɔfoɔ wɔ deɛ wɔde kum mmoa nketewa na wɔwɔ deɛ wɔde kum abɔpɔn. Wɔfrɛ ɔsono aboba "adarebɔ''. Atuduro na sɛ ɔbɔfoɔ no to tuo a, ɛde aboba no kogu aboa no honam mu.

Tosa: Tosa yɛ dua bi akyi anaasɛ ne hono a ɔbɔfoɔ wae na ɔboro ma ɛyɛ sɛ sapɔ. Nnua a wɔtaa wae de yɛ tosa yi bi ne sɔfɔ anaa fɔtɔ, anaa kyɛnkyɛn. Tosa no mu na ɔbɔfoɔ no de aboba no ne atuduro no gu ansa na wɔde ahyɛ etuo no mu [5].

Atwerɛwa: ɛyɛ kyɛnsee a ɔbɔfoɔ no atwitwa no nketenkete na ode dadewa a ano ye tratraa asi mfinimfini ama akɔ mu. Ɔwerɛ burogya (mankyese) ano gu mu miamia so ma no ka mu na wahata. Atwerɛwa no na ɔde hyɛ etuo no anim; na sɛ ɔka etuo no kɛtɛ a, na akɔbɔ so ama egya aba etuo no mu ansa na aboba no ne atuduro no atumi akɔ.[6]

Asratoa: Ɛyɛ apakyie toa a ɔbɔfoɔ de n'asra gu mu. Ɔde onyina nso gu mu. Asratoa kɛseɛ no deɛ, ɔde atuduro na ɛgu mu [7]

Bɔmemframa: Wei tumi yɛ asra anaa onyina nso. Sɛ ɔbɔfoɔ hunu mmoa wɔ baabi a, na wahu ahwe faako a ɛbɛkɔ no yie, na akyerɛ no deɛ mframa no bɔ kɔ. Sɛ ɛbɔ ba deɛ ɔwɔ no a, na ɛkyerɛ sɛ ɔgyina yie. Mmoa no nte ne ho hwa nawɔadwane.[8]

Aduane ne Nsuo:

Anadwoha Kanea: Ɛyɛ kanea a wɔayɛ no akwan bi so a abɔfoɔ de hyɛ wɔn ti na anim kyerɛ ɔbɔfoɔ kwan. Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ wuram na sɛ adeɛ sa no a, na wasa[9].

Sekan: Ɔbɔfoɔ sekan yɛ feaa a ɔde ahyɛ bɔha mu. Berɛ biara na wase ano hwetahweta. Sɛ ɔbɔfoɔ kum aboa a, ɔde sekan twa ne kɔn, mmoa bi wɔ hɔ nso a ɔhia sekan a ɔde bɛtwitwa wɔn nnyawa. Ɔsan de sekan yi ara botabota nnua ho [10].

Mpaboa: ɔbɔfoɔ mpaboa yɛ nea ɛmma nkasɛɛ nwɔ no, afei nso ɛmma mmoa nte ne nan ase. Ɛsɛ sɛ mpaboa no to yɛ duro mmom. Apiretwaa: Ɛyɛ kotokuo a ɔbɔfoɔ de nneɛma a yɛabobɔ din wɔ soro ha yi gu mu. Wɔtaa de aboa nwoma na ɛpam. Ɔbɔfoɔ de n'apiretwaa sɛn ne kɔn ho anaa n'akyiri[11].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  2. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  3. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19
  4. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19
  5. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19
  6. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-19
  7. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-19
  8. Google Scholar, retrieved 2025-08-19
  9. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  10. Google Scholar, retrieved 2025-08-19
  11. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19