Ahabusuo
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ahabusuo/Ahammusuo ne sɛ obi akɔyɛ ha na asiane bi ato no ahayɔ no mu.[1]
Asɛmfua 'Ahabusuo' Abɔseɛ
[sesa]Asɛmfua 'ahabusuo' abɔseɛ firi nsɛmfua mmienu mu; 'ha' ne 'busu'. Ha yɛ wuram ɛnna busu nso yɛ mmusuo. Habusuo kyerɛ mmusuo anaa asiane a ɛto nkorɔfoɔ wɔ wuram. Ɔbɔfoɔ nso tumi hyia ahabusuo. Ahabusuo yi bi ne; wako wuram na wakapira. Ebia ɔnam a, ɔnhunu aboa biara na waku no.Ahabusuo Ebia berɛ biara a ɔbɛhunu aboa no, na ne tuo apa ama biribi ama aboa no kɔ[2][3].
Ebia na ɛyɛ no sɛ wahunu aboa foforɔ bi rebɛku no nanso na ɛyɛ dada a waku no no na egyinagyina n'ani so, Sɛ ɛtɔ da bi nso a, ɔbɔfoɔ tuo tumi pa ma ɛkɔbɔ ne yɔnko bɔfoɔ a ɔne no akɔ ahayɔ no.Dua tumi bu bo no ku no Aboa tumi kye no[4]. Nnipa, asaman anaa honhommane tumi dane abes kye no. Ɔtumi to tubone, ene se ato tuo kum unipa Itumi yera wa ha mu. Ansa na habusuo bɛto ɔbɔfoɔ no na ebia wabo bra bɔne anaa ne yere abɔ br a bɔne ana a wakum aboa a ɔwɔ s a s a na wanyɛ ho anyankomade[5].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-20
- ↑ Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-20
- ↑ Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-20