Jump to content

Agyinaeε / Ͻtofoↄ no Gyinaberε

Ɛfi Wikipedia

Agyinaeε / Ͻtofoↄ no Gyinaberε yɛ kwan a ↄtwerεfoↄ bi fa so da abasεm anaa agorↄ no adi kyerε akenkanfoↄ anaa ahwεfoↄ. Ɛyε kwan a akenkanfoↄ no fa so hunu sɛdeɛ nsɛm sisi wↄ agorɔ bi mu. Yεwↄ akwan ahodoↄ a ↄtwerεfoↄ bi nam so da abasεm bi adi kyerε akenkanfoↄ. Yeinom ne; ɔkasafoↄ a ↄdi kan, ɔkasafoↄ a ↄtↄ so mmiεnsa, Ahuntahunu ne deɛ ɛkeka ho.[1]

Agyinaeε / Ͻtofoↄ no Gyinaberε Ahodoɔ

[sesa]

Ɔkasafoↄ a ↄdi kan: Wɔ yei mu no, akenkanfoↄ ne atiefoↄ no tie abasεm no firi ↄtofoↄ no ano na saa ↄtofoↄ yi tumi yε agorↄba a ↄka abasεm no ho anaa ↄdi akotene wↄ abasεm no mu. Sε ↄkasafoↄ no yε agorↄba a, ↄtaa de edinnsiananmu “me” di dwuma berε a ↄrekasa. Ͻkasafoↄ a ↄdi kan no nam ↄno ara ne suahunu so na εkasa. Ͻbεtumi nso ayε bεhwεadeɛni bi a ɔgyina beaeɛ a nsεm no rekↄ so nti ↄhunu deε εrekↄ so nyinaa.[2]

Ͻkasafoↄ a ↄtↄ so mmiεnsa: Sε ↄtwerεfoↄ bi nam ↄkasafoↄ a ↄtↄ so mmiεnsa so na εde ne nsεm to dwa a, na εkyerε sε ↄkasafoↄ no nka abasεm no ho bi na mmom ↄgyina nkyεn baabi na ↄde asεm no reto dwa. Mpɛn pii no ara, saa ↄkasafoↄ no amanneɛbↄ no tɔ sini kakra.[2]

Ahuntahunu: Saa ɔtofoↄ yi tumi de abasεm bi mu nsεm to dwa te sε deε ↄyε Onyame bi anaa sunsum nwanwasoↄ bi. Saa ↄtofoↄ yi nim agorↄmma no tirim nsεm nyinaa na ↄnim deε εbεsi wↄ berε biara mu anaa agorↄmma no mu biara abrabↄ mu. Afei nso, ɔte deε εrekↄ so biara ase na ↄkyerεkyerε deε εbεsi biara ase nso. [2]

Akasafoɔ mmienu anaa mmieɛnsa: Ͻtwerεfoↄ bi nso bεtumi de abasεm no mu amannebↄ ahyε akasafoↄ bεyε mmienu anaa mmiεnsa ano ama wↄada no adi. Ԑbεtumi aba sε, ↄtwerεfoↄ no wↄ ↄkasafoↄ titire baako a amanneɛbↄ no gyina ne so, nanso εwↄ mu a na ɔkasafoɔ foforɔ bi nso aba mu kakra.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Agyekum, K. (2013). Introduction to Literature. Accra: Adwinsa Publishers.
  2. 1 2 3 4 Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Accra: Adwinsa Publishers.