Agya Koo
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Agya Koo a ne din ankasa Alex Kofi Adu yɛ sinitwani kɛseɛ wɔ ɔman Ghana mu. Wɔwoo no Kotonimaa bosome no ɛda a ɛtɔ so aduonu nnum, afe apem ahankron aduosia nkron wɔ Asante mantam mu nanso wɔtetee no wɔ Nkran.[1]Ɔyɛ sinitwani a wagye din pa ara wɔ kumawood adwumakuo no mu a wayɛ sini bɛboro ahaanu.[2]
N’adwuma
[sesa]Agya Koo hyɛɛ n’adwuma sɛ nsɛmkwani wɔ "Key Soap Concert Party" ansa na ɔrebɛyi sini wɔ afe 1999 berɛ no mu hɔ. Na sini a ɛyii no pueeɛ yɛ "Kumasi Yɔnkoɔ". Ɛsiane suahunu ne adom akyɛdeɛ a na ɔwɔ no nti, na ɔnmrɛ wɔ sini adwuma no mu koraa. Ɛtɔ da mpo a krataa a ɛwɔ sɛ ɔhwɛ so yɛ sini no sɛdeɛ ɛwɔ sɛ ɔyɛ no, ɔno ara ne nyansa ne ne nimdeɛ mu no ɔtumi yɛ a ɔnhwɛ krataa no so.[3][4]
Fimɔgrafi
[sesa]Sini ahodoɔ a Agya Koo ayɛ no bi na ɛdidi soɔ yi[5]:
- Kumasi Yɔnkoɔ
- Ohia asoma woɔ
- Asɔre Ba
- Efie mpo nie
- Efie Abosea
- Agya Koo Commando
- Agya Koo Piki na Girls
- Agya Koo Bank Manager
- Agya Koo Gbengbentus
- Who is Who
- Kofi Agyenkwa
- Aha ayɛ dɛ.
- Saman Pa
- Away bus
- Ka wo nan to so
- Ɔbaa nti
- 419
- Ɛnnɛ nso bio.
Abaso Bɔ
[sesa]Ɔman Panin dada John Agyekum Kuffour bɔɔ no abaso wɔ mmɔdenbɔ a ɔbɔɔ no wɔ dwumakuo a wɔhwɛ anigyeɛsɛm so.
Mprenpren Asetena
[sesa]Agya Koo da so te ase a ɔrebɔ ne ho mmɔden wɔ sini adwuma mu ne amanyɔsɛm mu.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Agya Koo, Biography (in English), retrieved 2025-07-16
- ↑ Kofi Mensah (2014-01-20), Agya Koo (Kofi Adu) Biography - Wife, Children, and Other Facts (in American English), retrieved 2025-07-16
- ↑ VIDEO: Kofi Adu aka Agya Koo Remarries in London (in American English), 2016-06-15, retrieved 2025-07-16
- ↑ Biography- Kofi Adu alias Agya Koo (in English), retrieved 2025-07-16
- ↑ Agya Koo, Biography, retrieved 2025-07-16