Agotime-Ziope

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Agotime-Ziope
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAgotime Ziope District Mansini
MantamVolta Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2012
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPCharles Agbeve

Agotime-Ziope(About this soundpronunciation of "Agotime-Ziope" ) ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwam no ho. Abatoɔ berɛ biara mu no, wɔde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no yi mmarahyɛbadwani baako.Agotime-Ziope mpasua no wɔ Agotime-Ziope mansini a ɛwɔ Firaw Mantam wɔ Ghana. Wɔtee mpasua yi wɔ berɛ a na wɔrebɛto afe 2012 abatoɔ no.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Berɛ Manyɔni Amanyɔkuo
2012 Mpasua
2012 Juliana Azumah-Mensah National Democratic Congress
2016 Charles Agbeve National Democratic Congress

Wɔtoo aba berɛ a edi kan wɔ mpasua no so wɔ afe 2012 abatoɔ no mu. National Democratic Congress amanyɔkuo no muni no de mma no mu 12,550 na edii nkunim wɔ saa abatoɔ no mu[1]. Wɔtee saa mpasua yi firii Ho East mpasua a na ɛwɔ hɔ berɛ bi no mu. Ɛwom sɛ wɔsesa mmarahyɛbadwafoɔ no mu wɔ mpasua yi so deɛ, nanso National Democratic Congress amanyɔkuo no akɔ so adi nkunim wɔ mpasua no abatoɔ mu firi berɛ a wɔteeɛ ho.[2]

Abatoɔ[sesa]

  • mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghanafoɔ abatoɔ.[3][4]

Wɔ saa afe yi mu no, nnipa mmienu na egyinaeɛ peree mpɛsoa no akonnwa no. Na wɔ abatoɔ no akyi no Charles Agbeve a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no na ɛde mma mpem dunkron, ɔha ne aduanan mmiɛnsa (19,143) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe nson ne akyirepɔ aduowɔtwe (87.80%) dii nkunim saa afe no bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani. Nea ɔne no gyinaeɛ a ɔdii no so nkunim ne John Kwaku Amenya a ɔgyina maa Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma mpem mmienu, ahansia ne aduonum nkron (2,659) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dummienu ne akyirepɔ aduonu (12.20). Mma dodoɔ a wɔnyaa ne mpem dunsia ahanan ne aduowɔtwe nan (16,484) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson num ne akyirepɔ nsia (75.6). Mma a ɛkɔ baeɛ ne mpem aduonu baako, ahanwɔtwe ne mmienu (21,802) na na abatoɔfoɔ nso yɛ mpem aduonu nwɔtwe, ahankron ne aduonum (28,950).

2020 Ghaa mmrahyɛbadwam abatoɔ
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Charles Agbeve 19,143 87.80 +18.18
New Patriotic Party John Kwaku Amenya 2,659 12.20 +9.14
Abatoɔ dodoɔ 16,484 75.6 +25.34
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 21,802
Registered electors 28,950
  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) Ghana abatoɔ: Azotime-Aziope[2]

Wɔ saa afe yi mu no, dibeaperefoɔ a egyina wɔ mpɛsoa no so ne;

Charles Agbeve a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem dubaako, ahansia ne dunan (11,614) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nkron ne akyirepɔ aduosia mmienu (69.62%), Amenya Wisdom Elvis Ativoe a wannyina amma amanyɔkuo biara no nso nyaa mma mpem mmiɛnsa ahanu ne aduonu nkron (3,229) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunkron ne akyirepɔ aduasa nsia (19.36%), David Yaoga Sunu a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no nso nyaa mma apem baako ahasa ne aduonu nkron (1,329) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nson ne akyirepɔ aduokron nson (7.97%) na nea ɔtwa toɔ John Kwaku a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma ahanum ne du (510) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa ne akyirepɔ ohunu ne nsia (3.06%). Mma dodoɔ a wɔnyaa yɛ mpem nwɔtwe ahasa ne aduowɔtwe num (8,385) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum ne akyirepɔ aduonu nsia (50.26%) na deɛ ɛkɔ baeɛ yɛ mpem dunsia ahansia ne aduowɔtwe mmienu (16,682). Wɔ saa abatoɔ yi mu no nea ɔdii nkunim bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani ne Charles Agbeve a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo no.

2016 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Agotime Ziope
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Charles Agbeve 11,614 69.62 -9.18
Independent politician Amenya Wisdom Elvis Ativoe 3,229 19.36
National Democratic Party David Yaoga Sunu 1,329 7.97 -2.56
New Patriotic Party John Kwaku 510 3.06 +1.75
Abatoɔ dodoɔ 8,385 50.26 -18.09
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 16,682
  • wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ: Azotime-Ziope[5]

Wɔ saa afe yi mu no, dibeaperefoɔ a egyina wɔ mpɛsoa no so wɔ abatoɔ no mu ne;

Juliana Azumah-Mensah a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem dunan ahanan ne aduowɔtwe num (14,485) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson nwɔtwe ne akyirepɔ aduowɔtwe nwɔtwe (78.88%), nea ɔdi so ne David Yaoga Sunu a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no nso nyaa mma apem baako ahankron ne aduasa num (1,935) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu du ne akyirepɔ aduonum mmiɛnsa (10.53%), nea ɔdi so ne David Dickson Dzorkpe a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma apem baako ahanson ne aduonu baako (1,721) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nkron ne aduasa nsia (9.35%) na deɛ ɔtwa toɔ no ne Sakpa Yaa Kuma Donkor a ɔgyina maa akokɔ amanyɔkuo (CPP) no nso nya mma ahanu ne aduanan baako (241) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ aduasa baako (1.31%). Mma dodoɔ a ɛbaeɛ yɛ mpem dummienu ahanum ne aduonum (12,550) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nwɔtwe ne akyirepɔ aduasa num (68.35%). Wɔ saa abatoɔ yi mu no, nea ɔdii nkunim bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani ne Juliana Azumah-Mensah a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo no.

2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Agotime Ziope
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Juliana Azumah-Mensah 14,485 78.88
National Democratic Party David Yaoga Sunu 1,935 10.53
New Patriotic Party David Dickson Dzorkpe 1,721 9.36
Convention People's Party Sakpa Yao Kuma Donkor 241 1.31
Abatoɔ dodoɔ 12,550 68.35
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/parliament.constituency.php?ID=256&res=pm
  2. 2.0 2.1 Archive copy, archived from the original on 2023-11-04, retrieved 2021-11-27{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/ghanaelection2020/elections.constituency.results.php?mode=parliamentary&ID=237
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/volta/agotime_ziope/
  5. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/parliament.constituency.php?ID=254&res=pm