Jump to content

Agorↄmma

Ɛfi Wikipedia

Agorↄmma yɛ nnipa, mmoa anaa adeɛ biara a yεhyia wↄn wↄ abasεm ahodoↄ mu wↄyε adeyↄfoↄ, nnyinahↄmafoↄ ne wↄn a wↄredi dwuma ahodoↄ wↄ abasεm bi mu. Wↄn na wↄresoa nsεm, na wↄyε nsεnsεm ahodoↄ no farebae, na wↄsane nso yε wↄn a wↄn ho bↄn nsεnsεm a εwↄ abasεm no mu mu.[1]

Sԑdeԑ wↄda agorↄmma adi

[sesa]

Sεdeε wↄhyehyε agorↄmma yε kwan a ↄtwerεfoↄ bi fa so de kyerε su a agorↄmma da no adi wↄ abasεm bi mu na adwempↄ titire a wↄde kyerεkyerε agorↄmma mu no gyina ↄkwan soronko a wↄnam dwumadie ahodoↄ a wↄahyehyε ama wↄn, nneyↄeε ahodoↄ ne suban ahodoↄ a wↄda no adi wↄ abasεm bi mu so. Ԑyε ↄkwan a atwerεfoↄ bi fa so hyehyε agorↄmma na wↄde twa agorↄmma no ho mfonikyerε ahwεfoↄ ne akenkanfoↄ no. Berε biara wↄde edin, nneyↄeε, beaeε, kasa anaa animyↄbea, adwempↄ anaa adwenem mfoni ahodoↄ a εfa nnoↄma ho, nyↄeε ahodoↄ a εrekyerε biribi anaa nnyinahↄma ahodoↄ na wↄde da agorɔmma no adi.[2]

Akwan a wↄfa so hunu Agorↄmmma

[sesa]

Akwan a wɔfa so hunu agorɔmma no bi ne;[3][4]

  • Edin a εda wↄn so
  • Dwuma a wↄdie
  • Beaeε ne berε a wↄba agorↄ no mu
  • Nnoↄma a εtoto wↄn
  • Nsεm a wↄn ankasa ka fa wↄn ho.
  • Nsεm a agorↄmma nkaeε ka fa wↄn ho
  • Wↄn bↄbea, deε wↄdwene wↄ wↄn mu, wↄn kasa anaa afadeε ahodoↄ.
  • Nnoↄma a ↄtwerεfoↄ no ka sε wↄbεyε na wↄyε nso

Agorↄmma Nkyekyεmu

[sesa]

Wↄgyina agorↄmma no dwumadie ne wↄn suban so kyekyε wↄn mu kↄ akuo ahodoↄ mu.

Wɔ agorↄmma dwumadie mu no, dwumadie agorↄmma no di so na wɔagyina so akyekyε wↄn mu kↄ akuo ahodoↄ mmienu mu. Yei ne agorↄmma titire ne agorↄmma nkumaa. Agorɔmma a wɔdi kan no ne agorɔmma a agorↄ no gyina wↄn so na wɔn dwumadie som bo pa ara ma sɛ wɔnni hɔ a nwoma no ba awieɛ. Wɔgu mu ahodoↄ mmienu, yie ne deε ↄyε agorↄ no tiban anaa protagɔniste ne nkotiani anaa antagɔniste. Agorↄmma nkumaa no nso dwumadie ne sε wↄboa agorↄmma titire no. Wↄnni hↄ a abasεm anaa agorↄ no bεtumi akↄ so ama nteaseε aba mu. Wↄn mu bi mpo wↄ hↄ a, sε wↄba a wↄnkyε biara na wↄafiri agorↄ no mu mu nanso εmfa no berε tenten a agorɔba bi bεdi anaa εnni wↄ agorↄ bi mu no, wↄn nyinaa ho hia pa ara.[5]

Wɔ agorↄmma suban mu no, suban a agorↄmma no da no adi na wɔagyina so akyekyε wↄn mu kↄ akuo ahodoɔ bɛyɛ nkron (9) mu. Wↄn mu biara ho hia pa ara wↄ abasεm biara mu. Ԑmfa ho ne mmerε a wↄbεdi wↄ agorↄ no mu; sε wↄbεkyerε anaa wↄnkyε no, wↄwↄ gyinaberε wↄ abasεm no mu. Yei ne agorↄ no tiban anaa protagɔniste, nkotiani anaa antagɔniste, agorↄba a ↄnsesa, agorↄba a ↄsesa, agorↄba a ↄdanedane ne su, agorↄba a ↄmmεkyε wↄ agorↄ no mu ne deɛ ɛkeke ho.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Mayhead, R. (1985). Understanding Literature. Cambridge: Cambridge University Press
  2. Meyer, M. (2010). Bedford Introduction to Literature: Reading, Thinking, Writing. Bedford/St. Martin's.
  3. Agyekum, K. (2013). Introduction to Literature. Accra: Adwinsa Publishers.
  4. Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Accra: Adwinsa Publishers.
  5. Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Accra: Adwinsa Publishers.