Jump to content

Agorↄ no Tiban anaa Protagɔniste

Ɛfi Wikipedia

Agorↄ no Tiban anaa Protagɔniste no yɛ agorↄba a yɛhunu no wↄ abasεm anaa agorↄ biara mu na ɔyε agorↄba titire. Ͻno ne agorↄba a agorↄ no mu nsεm nyinaa gyina ne so na ɔne tebea a ↄwom anaa nkotiani anaa antagɔniste no di apereapere kↄsi sε ↄbεdi nkonim na wama agorↄ no awie anigyeε mu. Ͻtumi hyε aseε sε mmↄborↄwa anaasε obi a wakↄ tebea a εyε den pa ara mu, na sε ↄfiri mu fi a, εhyε no den na ↄko kↄ awieeε. Ͻwↄ agorↄ no mu firi ahyεaseε kↄsi awieeε na ne dwuma a ↄdi wↄ agorↄ no mu so yie na sε ↄwie ne dwumadie anaasε ↄfiri agorↄ no pε a, na agorↄ no aba awieeε.[1]

Baabi a menyaaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Accra: Adwinsa Publishers.