Agorↄ dwumadie Adekyerɛ kwan
Agorↄ dwumadie Adekyerɛ kwan yԑ adekyerɛ kwan a yɛde dwumadie bi hyehyɛ asuafoↄ no nsa ma wↄda no adi te sɛ deɛ ɛresi pɛpɛɛpɛ. Ԑtↄ da bi a yɛma asuafo no di dwuma sɛ ebia, wɔyɛ papa, maame, polisini, sikani nɛɛse, ↄkyerεkyerεni, dɔkota ne deɛ ɛkeka ho ma wɔda saafoɔ yi dwumadie adi pɛpɛɛpɛ. [1]
Sԑ wɔda nneyeɛ no adi te sԑ deԑ wↄredi agorↄ a, yɛfrɛ no agorↄ dwumadie. Wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa bi wɔ tebea bi mu. Asuafoↄ nam so da nnipa ne abↄdeԑ a atwa wↄn ho ahyia nneyԑԑ adi na wↄsua nnipa bi suban wↄ berԑ tiawa bi mu. [2]
Asuafoↄ fa ԑkwan bi so da nsɛm bi adi te sɛ ɛresi ara nie na ama asufoɔ ahunu emu nokwasɛm. Deԑ akyerԑkyerԑfoↄ taa yԑ ne sԑ wↄde dwumadie no hyehyԑ asuafoↄ no nsa na wↄde mmerԑ tiawa bi akyerԑ wↄn deԑ wↄnyԑ ansa na wↄadi dwuma wↄ asuafoↄ nkaeԑ no anim. Me suani, wokari a mfasodeԑ bԑn na ԑwↄ saa kwan yi ho.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Rachel Stevens (2015-07-04), "Role-play and student engagement: reflections from the classroom", Teaching in Higher Education, vol. 20, no. 5, pp. 481–492, doi:10.1080/13562517.2015.1020778, ISSN 1356-2517, retrieved 2025-08-31
- ↑ Nguyen Ha (2013-07-15), 26109576 Role Play As A Teaching Method A Practical Guide, retrieved 2025-08-31
- ↑ Yehuda Baruch (2006-03-01), "Role-play Teaching: Acting in the Classroom", Management Learning (in English), vol. 37, no. 1, pp. 43–61, doi:10.1177/1350507606060980, ISSN 1350-5076, retrieved 2025-08-31