Jump to content

Agona (Akanfoɔ Abusuakuo)

Ɛfi Wikipedia
Wɔn akraboa ne Ako

Agona abusuakuo no ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho. Saa abusua yi na ɛtɔ so mmienu a ɛmu nnipa dɔɔso pa ara. Agonafoɔ ho yɛ fɛ na wɔn ano ate nso. Wɔn nnyesoɔ ne “Ago-Nana”, "Yaa Adome" anaa "Yaa Otwidama". Wɔn piesie ne Ampɔnsɛm a ɔfiri Denkyira. Wɔn maanu ne Ɔware Adu a ɔfiri Akyem–Ɔda. Wɔn mmɛnsa ne Bɔdwesango Boahemaa Adu Gyamfi. Wɔn nuabaa ne Toa. [1]

N'akoraboa

[sesa]

Abusuakuo yi akraboa ne Ako. Saa ahyɛnsodeɛ yi gyina hɔ ma anoteɛ, mpempem ne nkabom. Yei nti, wɔtaa paw abusua yi mufoɔ sɛ akyeame. [2]

Nkuro a wɔdɔm abusua yi

[sesa]

Agona abusua kuo yi na ɛtee nkuro bi te sɛ Tafo, Nkawie, Denkyira. Akyire yi, wɔtee nkuro ahodoɔ bi te sɛ Bodwesango, Fumesua, Edwumako Techiman, Dunkwa, Asienimpon, Trede Ahwaa, Akyem Apedwa, Akyem Oda, Akyem Asene ne Sweduru kaa ho.[3]

Ahemfoɔ a wɔdɔm abusua yi

[sesa]
  • Denkyerahene  
  • Tafohene          
  • Kumase Benkumhene  
  • Nkaawiehene  
  • Fomesuahene  
  • Tredehene  
  • Asuowinhene  
  • Ahwaahene  
  • Ampaamehene  
  • Sepehene  
  • Bodwesanwohene  
  • Asieninponhene
  • Gyenyaasehene
  • Adwumamhene
  • Akyenakromhene
  • Amoamamhene[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://academicjournals.org/journal/AJHC/article-full-text-pdf/DFD857459951
  2. https://so04.tcithaijo.org/index.php/JUCR/article/download/273300/184758
  3. https://akannews.com/akan-mmusuakuo-ahodo%c9%94-no-w%c9%94n-abak%c9%94s%c9%9bm-ne-%c9%9bmu-ns%c9%9bm-binom/
  4. http://www.asanteman.org/agona.html