Jump to content

Agogô

Ɛfi Wikipedia
agogô
type of musical instrument
subclass ofpercussion instrument, dɔn Sesa
Hornbostel-Sachs classification111.242 Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Agogô yɛ idiophone dɔn a wɔde bɔ nnwom. Esiane sɛ efii aseɛ wɔ Afrika Atɔe Fam nnwom mu nti, mprempren wɔtaa de di dwuma wɔ Brazilfoɔ nnwom a wɔde di dwuma wɔ amanne kwan so ne nea agye din mu.[1] Wɔtaa de ndadeɛ nkukruwa mmienu a ɛsono emu biara  nnyigyeɛ na ɛyɛ agogô.[2]

Edin Agogô no ase

[sesa]

Asɛmfua agogô ase firi Afrika Atɔeɛ Fam. Edo, Idoma, Igala, ne Yorubafo a wɔwɔ Nigeria de Ágogo di dwuma de kyerɛ dɔn a ɛyɛ baako anaa ɛbɔ ho mmienu.[3] Wɔde asɛmfua òjè a ɛkyerɛ "dadeɛ" na egyina hɔ ma dɔn ahodoɔ a enni clappers nyinaa. Afrika Atɔe Famfo a abrɔfo no faa wɔn kɔyɛɛ  nkoa na wɔde dɔn no din ne sɛnea wosi yɛ dɔn yi ho nimdeɛ kɔɔ Amerika[4]

Sɛnea wɔyɛ no

[sesa]

Wɔde dadeɛ a wɔde yɛ nneɛma (wrought iron) na ɛdii kan yɛɛ agogô no, nanso nnɛ wɔhwɛ dadeɛ no tebea ne ne kɛseɛ na wɔde yɛ sɛnea ɛbɛma nnyegyeɛ ahodoɔ aba. Wɔde dadeɛ tɛtrɛtɛ a wɔabobɔ no ma ayɛ krukruwa na ɛyɛ agogô dadeɛ no dɔn no. Afei wɔde dade a ɛte sɛ U na ɛka dɔn mmienu no bom. Ɛsono dɔn biara tenten, na ɛma wotumi yɛ nnyigyei a ɛsono sɛnea wɔbɔ no a egyina dɔn a wɔabɔ so. Wɔnam ne tenten so na ɛkyerɛ dɔn no nne; dɔn atenten ma nnyigyei a ɛba fam ba, bere a dɔn ntiantiaa no ano yɛ den. Ade foforo a ɛkyerɛ sɛnea nnyigyei no te ne sɛnea nneɛma no mu duru teɛ.[5]

Sɛnea wɔde di dwuma

[sesa]

Wɔde nsa baako na wɔde kura  agogô ɛbɔ , sɛnea ɛbɛyɛ a ne fa baako no bɛda nea ɔbɔ no nsa baako no mu. Ɛsɛ sɛ dɔn no ano a ɛbue no hwɛ baabi a nea ɔrebɔ no ani hwɛ no,na dɔn ketewa no wɔ nea ɛsõ no atifi. Wobetumi de sankuo dua anaa biribi foforɔ a wɔde bɔ ɛdɔn a wɔde nnua anaa dadeɛ ayɛ abɔ agogo no.[6]

Dwuma a wɔde di

[sesa]

Nigeria

[sesa]

Twene yɛ Yoruba nnwom no fã titire, na nnwom no nso yɛ ade titire wɔ Yorubafoɔ amammerɛ wɔn nyamesom mu. Wɔtaa de âgogo no di dwuma kɛse wɔ Ìpèsè, twene nnwontofoɔ kuo bi a wɔde di dwuma wɔ Ifá afahyɛ ahodoɔ ase no mu. Nnwontofoɔ kuo no nso bɔ berɛ a wɔreyɛ amanneɛ ahodoɔ de abɔ mpae. Bio nso, âgogo di dwuma titire wɔ Yoruba nnwom nketewa a ɛne Juju, Afro-juju, Apala, Fuji, ne nea ɛkeka ho. Nigeria nnwontofoɔ taa de dɔn no di dwuma de da Yorubafo amammerɛ adi kyerɛ nnipadɔm bebree.[7]

Brazil

[sesa]

Afrika Atɔe famfoɔ a na wɔyɛ nkoa na wodii kan de agogô baa Brazil. Ɛhɔ no, wɔde dii dwuma wɔ nyamesom amanneɛ a  efiri Afrika te sɛ Candomblé mu,  afei nso na wɔde ka Afro-Brazil akodie a wɔfrɛ no capoeira ho. Europa nnwinnade te sɛ guitar a ɛwɔ nhama ason, ne nnwinnade te sɛ maracas ne âgogo yɛ ade a wɔde dii dwuma titire wɔ afe 1920 mu. Agogo asan agye din wɔ samba baterias, Carnival afahyɛ no fa a ɛfa nnwomtoɔ ho. Brazil ne Afro-Brazil nnwontofoɔ a wɔagye din pii de âgogo di dwuma wɔ wɔn nnwom mu, titire ne Afro-Brazil nnwom mu. [8]

Baabi A Minyaa Mmoa Firii

[sesa]
  1. https://kalango.com/en/product-guide/agogo?srsltid=AfmBOooA_fvQEtA-ZG2P37Hml2u66BNMh_kHOfwmcz7oF8SrldBRAGXq
  2. https://organology.net/instrument/agogo/
  3. https://www.agogode4bocas.com/english
  4. https://www.jstor.org/stable/30249790
  5. https://omeka-s.grinnell.edu/s/MusicalInstruments/item/2681
  6. https://omeka-s.grinnell.edu/s/MusicalInstruments/item/2681
  7. https://everyevery.ng/a-yoruba-musical-instrument-agogo/
  8. https://omeka-s.grinnell.edu/s/MusicalInstruments/page/samba