Agnes Ndirubusa
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Agnes Ndirubusa yɛ Burundini na ɔyɛɛ adwuma sɛ amammuisɛm mu nhwehwɛmufo ne samufo panyin maa kowaa krataa Iwacu. Dawurubɔ nnwuma baako a etwa to a wɔde wɔn ho wɔ ɔman no mu. Wɔ afe 2016 mu no, ɔne yɔnkoɔ dwumayɛni, Jean Bigirimana, yeraeɛ a wɔnanhu wɔn akyire kwan da. Ɛmfa ho ɔsatu bi a kowaa krataa no ayɛ de pɛ sɛ ɛda tebea a ɛma no yeraeɛ no adi no, nsɛm foforo kakraa bi pɛ na aba.[1]
N'asetena mu nsɛm
[sesa]Ndirubusa yɛɛ adwuma sɛ amammuisɛm mu nhwehwɛmufo[2] ne samufo panyin maa kowaa krataa Iwacu, dawurubɔ nnwuma baako a etwa to a wɔde wɔn ho wɔ ɔman no mu. Wɔ afe 2016 mu no, ne yɔnko dwumayɛni, Jean Bigirimana, yeraeɛ a wɔnanhu n’akyire kwan da. Ɛmfa ho ɔsatu bi a kowaa krataa no ayɛ de pɛ sɛ ɛda tebea a ɛma no yeraeɛ no adi no, nsɛm foforo kakraa bi pɛ na aba.
Wɔ ɛda ɛto aduonu mienu wɔ bosome Ahinime mu,afe 2019, berɛ a na ɔne ne nsɛmtwerɛfuɔ adwumayɛfuɔ kuo a Christine Kamikazi, Egide Harerimana, Térence Mpozenzi ka ho, ne wɔn drɔbani, Adolphe Masabarakiza, wɔ kaa no mu no, wɔkyee no. Na wɔde wɔn ani akyerɛ Kibira Ɔman Mmoa Yɛmmea kwan so na ntawantawadi rekɔ so wɔ atuatewfoɔ nkuo a wofi Democratic Republic of the Congo ne Burundi asraafoɔ ntam no . Apolisifoɔ ne mmabunu twaa wɔn kaa no ho hyiaeɛ na wɔkyee wɔn, na wɔde wɔn kɔɔ apolisifo akakye a ɛwɔ mpɔtam hɔ. Bere a wɔkyee no no, apolisifo no mu baako bɔɔ ne yɔnko dwumayɛni Christine Kamikazi sotorɔ. Wɔkyee Ndirubusa ɛmfa ho sɛ na wabɔ mpanyinfuɔ amanneɛ wɔ wɔn kuo no anammɔn tuo no ho.
Bere a wɔkyee no akyi no, afiase no wɔde no too yɛ na afiase a wɔammɔ no soboɔ pɔtee biara, afei wɔbɔɔ no soboɔ sɛ "ɔbɔ pɔw bɔne tia ɔman ahobammɔ" na wɔde no sie afiase. Mmaranimfo no hwehwɛɛ sɛ wɔde no bɛto afiase mfie dunum, na wɔ ɔpɛpɔn bosome,afe 2020 mu no, asennibea no buu no fɔ sɛ ɔnkɔda afiase mfie mienu ne fa. Asɛm a wɔde kɔdan asɛnnibea no ankosi hwee. Amanaman Nkabom Kuo a ɛhwɛ Hokwan ma Nnipa Ahofadi so, dawurubɔfuɔ ahodoɔ te sɛ Le Monde ne DW, ne nnwumakuo ahodoɔ a ɛnhyɛ aban ase te sɛ Amnesty International ne Human Rights Watch kasa tiaa ɔtaa a Burundi de bae kwa yi kɛse.
Bere a wogyae no ne ahunahuna foforo akyi no, osii gyinae sɛ ɔne ne kunu ne wɔn babarima bɛdwane akɔ Belgium .
Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Burundi : Journaliste au Burundi : un métier à très haut risque. (in French), 2023-07-17, retrieved 2025-05-04
- ↑ Burundi: 'horrific times' for critical press – DW – 07/22/2017 (in English), retrieved 2025-05-04