Jump to content

Afrikafoɔ Akyɛwpa Wɔ Atlantik Nkoatɔn No Ho

Ɛfi Wikipedia

Atlantik nkoatɔn no fa Afrikafoɔ ɔpepem pii a wɔhyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ Wiase Foforo no mu, a mpɛn pii no, na Afrika akannifoɔ ne aman no di mu akotene. Europafoɔ ne Afrika akannifoɔ ne adwadifoɔ yɛɛ biako kyeree Afrikafoɔ ɔpepem pii, na wɔde wɔn kɔɔ nkoa mfuo muAmerika . Afrika aman ahodoɔ faa saa adwadie yi mu nyaa sika ne amammuo mu mfasoɔ. Saa adwadie yi fa nnipa a wɔde wɔn sesa Europa nneɛma bi te sɛ atuo, ntoma ahodoɔ, ɛne nsa. Wɔ mfeɛ kakra a atwa mu no, Afrika aman binom ne ankorankorɛ bi de kyɛwpa a ɛfata ato dwa wɔ wɔn ahonu ɛfa wɔn nananom dwumadie a ɛmaa nkoatɔn no kɔɔ so kɛse no ho. [1]

Nsɛm a wɔka de paa akyɛw

[sesa]

Benin

[sesa]

Wɔ afe 2000 mu no, Benin mampanyini Mathieu Kérékou paa akyɛw wɔ badwam faa abakɔsɛm mu, sɛnea ɔman Benin de ne ho hyɛɛ Atlantic nkoatɔn no mu, wɔ mmerɛ a na wofrɛ ɔman no sɛ Dahomey Ahennie no. [2] Benin mpanimfoɔ tuu kwan kɔɔ Virginia ne Washington, DC wɔ United States kɔbɔɔ ne kyɛwpa no ho dawuru. [3] Benin amanyɔni Luc Gnacadja kaa sɛ "Yɛsu hwehwɛ bɔne fafiri ne nsiesie ne nkabomu", na ɔde kaa ho sɛ "Nkoatɔn yɛ aniwudeɛ, na yɛasakyera yɛn adwene wɔ ho". [3]

Kameruun

[sesa]

Wɔ afe 2013 mu no, William Holland, a ɔyɛ Afrikani-Amerikani adwadini, na ne nananom yɛ nkoa a wɔde wɔn kɔɔ Virginia no mu bi, de abusua mu nhwehwɛmu dii dwuma de hwehwɛɛ ne nananom kɔsii Oku abusua a ɛwɔ Kameruun no mu. Akyiri yi, Holland tuu kwan kɔɔ Bakou kuro a ɛwɔ Kameruun mu, faako a ɛhɔnom abusuapanyin, Ngako Ngalatchui, de akyɛwpa krataa a ɛfata maeɛ wɔ abakɔsɛm mu, a Oku abusua no tɔn a wɔtɔnee nnipa kɔɔ nkoasom mu no ho. [4]

Ghana

[sesa]

Wɔ afe 2006 mu no, Ghana de Project Joseph too dwa; nhyehyɛeɛ bi a wɔyɛeɛ sɛ wɔde bɛhyɛ Atlantik nkoatɔn asefoɔ no nkuran sɛ, wɔmmra Ghana nsrahwɛ, na wɔnfa wɔn sika nhyɛ ɔman no mu. Na dwumadie yi anisoadehunu ne sɛ wɔde bɛpa akyɛw wɔ abakɔsɛm mu dwuma a, ɔman Ghana diiɛ wɔ nkoatɔn mu no ho. Na wɔde saa dwumadie yi too Twerɛsɛm mu nipa Joseph, a n’abusua tɔn no kɔɔ nkoasom mu no. [5]

Wɔ nsrahwɛ bi a ɔkɔeɛ wɔ London, England, afe 2007 mu no, Ghana mampanyini John Kufuor poo ahuhusɛm sɛ Europa aman nkoaa na wodi nkoatɔn no ho asodi nyinaa ho fɔ, na ɔkaa sɛ " abibifoɔ akuo bi nso di fɔ". Ɔkaa sɛ, "sɛneɛ wobɛhwɛ asɛm yi biara no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ nkoasom ne nkoatɔn yɛ amumɔyɛ ne adwuma a ɛyɛ aniwu, sɛ mpo wode toto wosusuw atirimɔdensɛm afoforo a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no ho a". [6]

Wɔ afe 2022 mu no, Nana Obokɛseɛ Ampah I, Asebu manhene no de kyɛwpa too dwa wɔ badwa mu, na ɔkaa sɛ, "Mmerɛ aso sɛ yɛsekyere yɛn se ka nea ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ Afrikafoɔ a wɔwɔ amannɔne no. Ɛsɛ sɛ yɛpɛ asɛmpa bi de to dwa, na yɛgye yɛn mfomsoɔ to mu, na yɛpata yɛn nneyɔeɛ bɔne, ne anamɔm pa a yɛantu, wɔ Atlantik po Nkoa Adwadie no mu, a yedi ho yea kɛse." [7]

Nigeria

[sesa]

Wɔ afe 2009 mu no, Nigeria Ɔmanfo Faahodiɛ Ho Mmarahyɛ Badwa, a Nigeriani amanyɔni Shehu Sani, frɛɛ dwa de too Nigeria ahemfo anim sɛ, ahemfo no mpa kyɛw wɔ wɔn nananom no hyɛ a, wɔde wɔn ho hyɛɛ nkoatɔn mu no ho. [8] Aro Mpanyimfoɔ Bagua no ampene so sɛ wɔbɛpa kyɛw, na wɔkaa sɛ "wɔnmpa kyɛw wɔ nea asisi berɛ bi a atwam no ho". [9]

Wɔ afe 2018 mu no, Abdulrasheed Adewale Akanbi, ɔmanhene a okura abodin Iwo a ɔfiri Oluwo, de kyɛwpa krataa maa wɔ tete mmerɛ mu dwuma a, adehyeɛ mmusuakuo a ɛwɔ Nigeria no dii wɔ Atlantic nkoatɔn mu no ho. [10]

Seriki Abass, nkoatɔnni bi a wɔagye din wɔ Nigeria kuro Badagry mu, asefoɔ de kyɛwpa maa wɔ nkoa a ɔtɔn wɔ abakɔsɛm mu no ho. [11]

Uganda

[sesa]

Wɔ 1998 mu no, Uganda mampanyini Yoweri Museveni kaa wɔ nsɛm a wobisabisaa no mu sɛ, ɔrenhwehwɛ kyɛwpa mfiri U.S. mampanyini Bill Clinton hɔ, mmerɛ a na Clinton rekɔ Afrika no. Museveni kaa sɛ, "Afrika atitire na wɔko tiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkyeree wɔn ankasa nkurɔfoɔ na wɔtɔn wɔn. Sɛ ɛsɛ sɛ obi pa kyɛw a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ Afrika ahemfo ne atitire. Yɛda so ara wɔ saa amanmɔyɛfoɔ yi wɔ yɛn ntam ha ɛnɛ mpo." [12]

Wɔ afe 2023 mu no, Musevini de kyɛwpa krataa bi too dwa wɔ Atlantik nkoatɔn no ho. [13]

Beaeɛ a meyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Holsey, Bayo (2011), "Owning Up to the Past?", Transition (105): 74–87. doi: another document
  2. "BENIN OFFICIALS APOLOGIZE FOR ROLE IN U.S. SLAVE TRADE", Chicago Tribune. 1 May 2000.
  3. Boyle, Alan (27 October 2013), "Genetic quest leads to African apology for role in slave trade". NBC News.
  4. Johnson, Theodore R. (6 August 2014), "How to Apologize for Slavery", The Atlantic.
  5. "Ghana and Other African Nations Who Enslaved and Sold Black To Europeans Apologize". Black Enterprise. 25 September 2022.
  1. Holsey, Bayo (2011). "Owning Up to the Past?". Transition (105): 74–87. doi:10.2979/transition.105.74. JSTOR 10.2979/transition.105.74.
  2. Holsey, Bayo (2011). "Owning Up to the Past?". Transition (105): 74–87. doi:10.2979/transition.105.74. JSTOR 10.2979/transition.105.74.
  3. 1 2 {{cite news}}: Empty citation (help)
  4. {{cite news}}: Empty citation (help)
  5. {{cite news}}: Empty citation (help)
  6. Holsey, Bayo (2011). "Owning Up to the Past?". Transition (105): 74–87. doi:10.2979/transition.105.74. JSTOR 10.2979/transition.105.74.
  7. {{cite news}}: Empty citation (help)
  8. {{cite news}}: Empty citation (help)
  9. {{cite news}}: Empty citation (help)
  10. {{cite news}}: Empty citation (help)
  11. {{cite web}}: Empty citation (help)
  12. {{cite news}}: Empty citation (help)
  13. {{cite news}}: Empty citation (help)