Africa Nkabom Kuo
Afrika Nkabom Kuo (AU) yɛ asasetam so nkabomu kuo a aman aduonum num (55) na ɛwɔ mu [1] [2] wɔ Afrika asasetam so . Wɔde AU too gua wɔ Sirte Mpaemuka dwumadie a wɔyɛeɛ wɔ Sirte, Libya, wɔ Ɛbɔ 9, 1999 mu, sɛ wɔmfa Afrika Aman Nkabom Kuo no nsi hɔ. Wɔde kuo no sii hɔ wɔ 9 Kitawonsa, 2002 wɔ Durban, South Africa. [3] Na AU no tirimupɔ ne sɛ ɛbɛsi Afrika Biakoyɛ Kuo (OAU), a aman ahodoɔ aduasa mmienu (32) de wɔn nsa hyɛɛ aseɛ de sii hɔ wɔ Kotonimaa 25, 1963 wɔ Addis Ababa no ananmu; wɔguu OAU wɔ 9 Kitawonsa 2002. Aman mpanyinfoɔ a wɔka Afrika Aman Nkabom Badwa no ho no na esi AU gyinaeɛsie biara a ɛho hia, wɔ nhyiamu a badwa no hyia afe fa biara no.
AU asoɛeɛ, a wɔfrɛ no Afrika Nkabomu Kɔmisan, no wɔ Addis Ababa. Kuro a ɛso wɔ AU kuo no mu ne Lagos a ɛwɔ Nigeria, ɛna nkuro akɛseɛ a wɔaboaboa ano kɛseɛ ne Cairo a ɛwɔ Egypt. Afrika Aman Nkabom Kuo no mu nnipa bɛboro ɔpepepem baako ne akyiripɔ mmiensa (1.3 billion) na asaase a wɔwɔ so no bɛyɛ ɔpepem aduasa (30 million km2 (12 million sq mi)), anaa), na wiase agyinaehyɛdeɛ bi te sɛ Sahara mpaprɛ ne asuo Nile ho . [4] Kasa titire a wɔde di dwuma ne Arabic, Borɔfo, Franse, Portugal, Spania ne Swahili . [5] Wɔ Afrika Aman Nkabom Kuo no mu no, yɛwɔ atenaeɛ ahodoɔ te sɛ Asomdwoe ne Ahobammɔ Badwa ne Afrika Nkabom Mmarahyɛ Badwa wɔ hɔ .
Wɔ G20 (Ku a emufoɔ yɛ aduonu (20)) nhyiamu bi a wɔyɛeɛ wɔ New Delhi, India, wɔ afe 2023 mu no, wogyee Afrika Aman Nkabom Kuo no too mu sɛ abɛyɛ G20 kuoba. [6]
Nsɛm no tɔfabɔ
[sesa]Afrika Aman Nkabom Kuo no botaeɛ ne sɛ: [7]
- Sɛnea ɛbɛyɛ a koroyɛ kɛseɛ, nkabomu ne ahotɔsoɔ kɛseɛ bɛba Afrika aman ntam.
- Sɛ ɔbɛbɔ aman a wɔka ho no tumidie, asaase mu kyɛfa, ne wɔn ahofadie ho ban.
- Sɛnea ɛbɛyɛ a nkabomu bɛba asasepɔn no amammuo, ne aman ntam asetena ne sikasɛm so ntɛmso. [8] [9]
- Sɛ wɔbɛhyɛ Afrika gyinabea mu nkuran wɔ nsɛm a ɛfa asaasetam no, ne emu nnipa ho, na wɔabɔ ho ban.
- Sɛ wɔbɛhyɛ amanaman ntam nkitahodie ho nkuran, a wɔ akwan an UN Mmarahyɛ Bagua, ɛne Amansan Kubaatan nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipa faahodie ho kyerɛ no .
- Sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe, ahobammɔ, ne ahotɔ aba asasetam no so.
- Sɛ wɔbɛhyɛ kabimamenkabi ahyɛdeɛ ahodoɔ mu kena, na ɔmanfoɔ nso anya kyɛfa wɔ amammuo papa mu.
- Sɛ wɔbɛbɔ nnipa faahodie nhyehyɛeɛ ho ban, na wɔahyɛ mu kena sɛnea Afrika Mmara a Ɛfa Nnipa Faahodie Ho, ne nnipa ho nhyehyɛeɛ afoforo a ɛho hia ho.
- Sɛ wɔde nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛho hia besi hɔ, a ɛbɛma asasetam no atumi adi ne dwuma a ɛfata wɔ wiase nyinaa sikasɛm ne amanaman ntam nkitahodie mu.
- Sɛ wɔbɛhyɛ sikasɛm, asetena ne amammerɛ mu nkɔsoɔ a ɛbɛtena hɔ daa mu nkuran, na Afrika amanaman betumi aka abom wɔ sikasɛm ne adwadie mu.
- Sɛ wɔbɛhyɛ nkabom ho nkuran wɔ nnipa dwumadie nyinaa mu, na ama Afrikafoɔ asetena gyinapɛn akɔ soro
- Sεdeε wɔbɛtoto na wɔaka nhyehyeε a εfa amanaman a wodi adwadie ne sikasɛm mu nsawɔsoɔ ho, ne nhyehyɛeɛ a, εbεba daakye no abɔ mu, ama nkabɔmukuo no anisoadehunu aba mu.
- Sɛ yɛbɛma asasetam no nkɔsoɔ akɔ anim, ɛnam nhwehwɛmu a wɔbɛhyɛ mu kena wɔ nnwuma nyinaa mu, ne titire ne abɔdeɛ mu nyansapɛ ne mfididwuma.
- Sɛ wɔne amanaman a ɛfata benya ayɔnkofa na wɔatumi ayi nyarewa a wɔbetumi asi ano afiri hɔ, ama apɔmuden pa anya nkɔsoɔ wɔ asaasetam yi so
African Union | |
Membership | Aman aduonum num (55) |
|---|---|
Official languages | Twi, English, French, Arabic, Spanish, Portuguese, anaa Afrika kasa biara |
| Website | https://au.int/ |
- ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite book}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite news}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help)