Afrafrantɔ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Afafrantɔ yɛ aboa bi a ne ho yɛ fɛ yie, na ne ho san nso yɛ hare[1]. Afafrantɔ wɔ ntaban mmienu a ɔde tu. Saa ntaban no mu na n’ahoɔfɛ nyinaa gyina. Berɛ biara sɛ ɔbue ne ntaban no mu a, ne fɛ te sɛ nhwiren a ɛmu rebue, na sɛ ɔretu nso a, ɔte sɛ nhwiren a ate firi soro redanedane ne ho wɔ wiem rebɛtɔ fam. Afafrantɔ didi nhwiren so. Ɔyɛ aboa bi a ne ho nyɛ den biara na ne nkwa wɔ asase yi so sua. Ebi tumi di nnawɔtwe anaa nnawɔtwe mmienu na wɔawu, ebi nso di bosome[2][3].
Afrafrantɔ Nkwa Nna
[sesa]Afafrantɔ akyɛ wɔ asase so koraa ne bosome nnan. Ɔnyɛ aboa a ɔtumi di nnipa awu nti mmɔfra taa de no di agorɔ ɛnam n’ahoɔfɛ nti. Afafrantɔ de n’ahoɔfɛ taa daadaa onipa. Sɛ wokyere afafrantɔ to wo nsam a, wobɛhu sɛ n’ahoɔfɛ no nyinaa apore afiri ne ntaban so agu wo nsam, afei na aka ntaban hunu nko ara kuta wo[4][5].
Afafrantɔ yɛ aboa bi a ɔwɔ ahosuo bebree a ɛdan n’ahoɔfɛ adi. Ahosuo bi te sɛ fitaa (white), tuntum (black), kɔkɔɔ (red), bibire (blue), ahabammono (green), akokɔsradeɛ (yellow), sika kɔkɔɔ (gold), ankaahono (orange), dodoeɛ (brown), biredum/afasebiri (purple), nsono (ash/grey), memen (pink) ne nea ɛkeka ho.
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Identify a butterfly | Butterfly Conservation (in English), retrieved 2025-08-26
- ↑ All About Butterflies (in American English), retrieved 2025-08-26
- ↑ Identify a butterfly | Butterfly Conservation (in English), retrieved 2025-08-26
- ↑ All About Butterflies (in American English), retrieved 2025-08-26
- ↑ Butterflies | Smithsonian Institution, retrieved 2025-08-26