Jump to content

Afɔrebɔ

Ɛfi Wikipedia

Afɔrebɔ yɛ ɔsom mu dwumadie a nsɔre de di dwuma pa ara. Saa dwumadie yi, ɛnyɛ nnɛ na nnipa de redi dwuma wɔ Nyamesom mu. Ɛfiri tete nyinaa Nyankopɔn nkurɔfoɔ abɔ afɔre ama no. Berɛ a ɛdi kan a wɔyɛɛ afɔrebɔ ho twerɛtohɔ wɔ Twerɛ kronkron mu no, yɛ berɛ a Kain ne Abel bɔɔ afɔre maa Nyankopɔn.

Afɔrebɔ Ahodoɔ

[sesa]

Afɔrebɔ gu mu ahodoɔ pii. Yɛhunu yei ho twerɛtohɔ wɔ Lewitikos ti 1 kɔsi 7 no. Ɛhɔ no kaa afɔrebɔ ho titire nnum a, na Israelfoɔ no bɔ ma Nyankopɔn ho asɛm. Afɔrebɔ ahodoɔ yi ne ɔhyeɛ afɔreɛ, awi afɔreɛ, asomdwoeɛ afɔreɛ, bɔne fafiri afɔreɛ ne afɔbuo afɔreɛ. Nyankopɔn de saa afɔrebɔ yi ho mmara maa Israelfoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi abɛn Nyankopɔn na wɔasane anya ne nsa mu nhyira. Afɔrebɔ foforɔ a Twerɛ no kaa ho asɛm ne ntotosoɔ du du afɔrebɔ. Nyankopɔn mma a wɔsom no tete mmerɛ mu de afɔrebɔ dii dwuma wɔ wɔn som mu, saa ara na nnɛ nso, nsɔre ahodoɔ a ɛwɔ hɔ de afɔrebɔ di dwuma wɔ wɔn som mu.

Akwan ahodoɔ a nsɔre yi fa sobɔ afɔreɛ bi ne ntoboa yie, ayɛyɛdeɛ, ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔreɛ ne akwan ahodoɔ a ɛkeka ho.  Asɔre biara ne afɔrebɔ a ɔde di dwuma pa ara wɔ wɔnsom mu. Ɛyɛ ɔsom mu dwumadie a nsɔre ani ku ho pa ara wɔnsi no fam koraa.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]

https://brill.com/downloadpdf/display/book/edcoll/9789004275461/B9789004275461-s004.pdf

https://thecophq.org/sacrificial-giving-and-tithing/

https://www.jstor.org/stable/pdf/23950555.pdf?casa_token=IxZjFXUzlv8AAAAA:TZYA2NvzJMRQ56UrqdoT1zYlp4Gd_nCyySegMvMM-tPggKV_sxcBcEVMAEugLCdWsHlZx7CyWbzqJCb9l6jJ6qxMR2_5sr7w9Xe8i8ELIQmzPAIBLX8