Adwuma Nnwom
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adwuma nnwom ye nnwom a Akanfoɔ to berɛa wɔreyɛ adwuma [1]
Ɛfiri tete berɛ mu bɛsi nnɛ na nkorↄfoɔ ayɛ nnwuma wɔ akuakuo mu. Sɛ woba Akan man mu a, nnwuma ahodoɔ a yɛn nananom de gyaa yɛn no mu fa kɛseɛ no ara yɛ nnwuma a yɛyɛ no akuokuo mu. [2][3]
Ɔkyerɛ mu sɛ, nnwuma wɔtaa yɛ no akuakuo mu no bi ne sɛ ɛbinom rekwan tabono wɔ nsuo so, wɔrehwane aburoo, wɔretwe hyɛma abɛsi nsuo ano, wɔremunimuni dunsini ne deɛ ɛkeka ho. Ɔkyerɛ sɛ, Yei kyerɛ sɛ, adwuma no den a ɛyɛ ne nkabom a ɛhia sɛ wɔde adwuma no nti wɔn nyinaa nya atenka bi a wɔde to dwom no berɛ korɔ mu. Afei, nnwom no nhyehyɛeɛ gyina ahokeka a wɔde yɛ adwuma no so [4].
Adwuma Nnwom ho Nhwɛsoɔ
[sesa]Adwuma mu nnwom no bi ne atoonodwom. Atonodwuma nso yɛ Akanfoɔ nnwuma no mu baako. Sɛdeɛ Akanfoɔ nnwuma ahodoɔ si teɛ no, nnwom mpa mu ɛsiane sɛ ɛno na akanyan odwumayɛni no ma no nya ahoɔden de kɔ so yɛ adwuma no. Atonodwuma yɛ wɔn a wobobɔ nnade so no. Ne saa nti wɔfrɛ wɔn a wɔyɛ saa adwuma yi sɛ atomfoɔ. Atonodwom yɛ nnwom bi a ɔtomfoɔ bi to anaa wɔto de ma ɔtomfoɔ ma no nkanyan de toa n’adwuma so a ɔnte brɛ. Wɔto bi nso de kyerɛ nneyɛeɛ a ɛkɔ so wɔ atono adwuma no mu. Atonodwom yi bi na ɛdi so yi: [5]
Hwɛ deɛ ɔtomfo bi reyɛ
Hwɛ deɛ ɔtomfo di reyɛ
Ɔrebɔ ne dade so oo
Pan! Pan! Pan!
Adwuma Nnwom ho Mfasoɔ
[sesa]Ɛma adwumayɛfoɔ ani gye. Nnwom no bi anika a ɛyɛ nti, adwontoɔ no to a ɛma wɔnya ahomeka ne ahokeka soronko de yɛ addwuma. Sɛdeɛ nnwom no bi so teɛ nti, admayɛfoɔ to a wɔn ani nha. Wɔtumi nso de di agorɔ. Abɔfodwom sei, kane a na abɔfoɔ bom kɔ ahayɔ no, sɛ wɔkɔ na wɔnya nam akɛseɛ akɛseɛ a, wɔbɛduru fie a, wɔto adwuma nnwom de gye wɔn ani. Yei kyerɛ sɛ, ɛrekame ayɛ sɛ abɔfodwom nso yɛ adwuma nnwom no bi. Odwumayɛni bi nso wu a, wɔtumi to wɔ n'ayie ase[6].
Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-06-30
- ↑ Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-06-30
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-06-30
- ↑ Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-06-30
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-06-30
- ↑ J. H. Kwabena Nketia (1974), "The Musical Heritage of Africa", Daedalus, vol. 103, no. 2, pp. 151–161, ISSN 0011-5266, retrieved 2025-06-30