Jump to content

Adwo

Ɛfi Wikipedia

“Adwo” yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛgyina hɔ ma ɔdwoɔ, asomdwoe ne kommyɛ.[1]Wɔde adwo ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ asomdwoe wɔ akwanniasa ahodoɔ nyinaa so. [2]Saa ahyɛnsodeɛ yi  firi Akanfoɔ ne Gyamanfoɔ amammerɛ mu. Wɔn mu na adinkra ahyɛnsodeɛ wɔ nkyerɛaseɛ a ɛmu yɛ du a wɔda no adi wɔ wɔn ntoma mu ne wɔn ahenfo afadeɛ ho.[3][4][5]

ABAKƆSƐM

[sesa]

“Adwo” ahyɛnsodeɛ yi firi Gyaman a ɛwɔ Bonoman mu na ɛbaeɛ. Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ, Gyaman hene Nana Kwadwo Agyemang Adinkra na ne nimdeɛ mu no, ɔyɛɛ saa ahyɛnsodeɛ yi a na wɔde di dwuma wɔ nneɛma binom te sɛ akonnwa ne ntoma mu ma wɔn ahenfo ne akɔmfoɔ ne adunsifoɔ. Na berɛ a Gyamanfoɔ dii nkuguo wɔ wɔne Asantefoɔ ko no mu no, Asantefoɔ sesaa wɔn nneɛma nyinaa baa Asanteman mu. Na Asantefoɔ no hyɛɛ Gyamanfoɔ a na wɔyɛ saa ahyɛnsodeɛ yi ma wɔyeyɛɛ bi ma wɔn ahenfo, na wɔsan kyerɛɛ Asantefoɔ no sɛdeɛ wɔnwene no. Na ɛnam so maa saa ahyɛnsodeɛ “Adwo” bɛhyetaa Asante, Fante ne Akuapemman mu.

SƐDEƐ ADWO DE ASOMDWIE BA AKANFOƆ AMAMMERƐ MU

[sesa]

Adwo ahyɛnsodeɛ yi nam ɔdwoɔ ne kommyɛ so yɛ nkaedum ma nnipa wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu. Na ɛboa de asomdwoe nso ba. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛhyɛ nnipa nkuran ma wɔde asomdwoe ne nkabom di dwuma wɔ wɔn daadaa asetena mu.  Sɛdeɛ ɛgyina hɔ ma asomdwoe no, “Adwo” boa ma nnipa asetena mu ne nnipa nkitahodie mu no, asomdwoe di hene.Na ɛba saa nso a, ɛsi basabasayɛ ne ntɔkwasɛm kwan.

Bio, sɛdeɛ adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no kasa kyerɛ nnipa wɔ akwan ahodoɔ so no, saa ara na “Adwo” ahyɛnsodeɛ yi nso kasa kyerɛ nnipa na ɛgyina hɔ ma nnipa nkitahodie a asomdwoe wɔ mu.

BEAEƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ

[sesa]
  1. Adwo: Symbol of Peace and Calmness (in English), retrieved 2025-06-05
  2. Adwo (in American English), 2018-02-24, retrieved 2025-06-05
  3. Adwo – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-06-05
  4. Adwo Symbol, retrieved 2025-06-05
  5. Adinkra Symbols of West Africa, retrieved 2025-06-05