Adwenkyerԑ Adekyerԑ kwan
Adwenkyerԑ Adekyerԑ kwan yԑ ↄhaw mu nsiano adekyerԑ kwan a ԑkuo anaa ankorԑankorԑ nam so de kyerԑ adeԑ. Saa kwan yi mu no asuafoↄ kyerԑ wↄn adwene na wↄpԑnsԑmpԑnsԑm adesua no mu. Saa adekyerԑ kwan yi mu no wobԑtumi ayԑ wↄ akuo akuo mu anaa nso sԑ wode ankorԑankorԑ bԑyԑ. [1]
Akyerɛkyerɛfoɔ taa hwԑ nnipa a wode wↄn bԑkↄ kuo biara no mu yie sԑdeԑ ԑbԑyԑ a asuafoↄ a wↄwↄ nimdeԑ ahodoↄ bԑfrafra akuo ahodoↄ no mu. na sԑ sԑ ekuo no nya ↄkannifoↄ baako ne ↄtwerԑfoↄ baako. Ԑsԑ sԑ ↄtwerԑfoↄ no hwԑ sԑ adwenkyerԑ biara renyera. Ԑsԑ sԑ wopa beaeԑ a obiara bԑnya baabi atena yie na fa akadeԑ biara a ekuo no mu nnipa bԑhia ma wↄn. Ebi ne nkrataa, kaade, twerԑdua ne adeԑ.[2]
Wɔ saa adekyerɛ kwan yi mu no, ɔkyerɛkyerɛni no ma asuafoↄ no nhunu ↄhaw ne botaeԑ a ɔpԑ sԑ asuafoↄ no dwene ho no na ɔma wↄnhunu hia a wɔn adwenkyerԑ ho hia. Mpɛn pii no, akyerɛkyerɛfoɔ no ma ankorԑankorԑ di kan dwene ↄhaw no ho na ↄkyerԑ n’adwene ɔwie a, ↄne ne kuo no kyɛ adwene a wanya no na afei ԑkuo no pԑnsԑmpԑnsԑm mu.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Colleen Garside (1996-07-01), "Look who's talking: A comparison of lecture and group discussion teaching strategies in developing critical thinking skills", Communication Education, vol. 45, no. 3, pp. 212–227, doi:10.1080/03634529609379050, ISSN 0363-4523, retrieved 2025-08-31
- ↑ Xavier Fazio (2009-09-01), "Teacher development using group discussion and reflection", Reflective Practice, vol. 10, no. 4, pp. 529–541, doi:10.1080/14623940903138407, ISSN 1462-3943, retrieved 2025-08-31
- ↑ https://www.bumc.bu.edu/facdev-medicine/files/2010/06/small-group-teachng.pdf