Jump to content

Aduana (Akanfoɔ Abusuakuo)

Ɛfi Wikipedia
Ɔkraman

Abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho na ɛka mmusua a ɛmufoɔ dɔɔso pa ara no ho. Ɛdin foforɔ a wɔde nim wɔn ne Atwea, Abrade, Amoakare ne Ada na wɔtaa frɛ abusua no mufoɔ Ogyaasefoɔ. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, Aduana na wɔde ogya ne sika baeɛ. Wɔn piesie ne Dɔmaa Kusi a ɔfiri Dɔmaa. Wɔn maanu ne Asumegya Kwabi. Wɔn mɛnsa ne Kumawu Tweneboa Kodua. Wɔn nnyesoɔ ne “Adu-na”, "Yaa Aberade anaa "Yaa Ogyaba". Wɔkyerɛ sɛ, Aduanafoɔ gyentia a ɛdi kan no da so da Dɔmaa Ahenkuro de bɛsi ɛnnɛ.[1] Wɔn mmrane ahodoɔ bi ne "Aduana Atwea Aberade", "Aduana Nyankonpa Sakyire" ne “Aduegyafoɔ”. [1]

N'akraboa

[sesa]
Agya a wɔka sɛ na etua Ɔkraman n'ano

Abusua yi akraboa ne ɔkraman a gya tua n'ano na saa ahyɛnsodeɛ yi gyina hɔ ma nokwaredie ne adwumaden.

Nkuro a wɔdɔm abusua yi

[sesa]

Wɔn nkuro no bi ne; Dɔmaa Ahenkuro, Akyem-Tafo, Wasa Akuropɔn, Aburi, Kwahu, Kumawu, Akwamu Heman, Asumanya, Kwaman, Boaman, Agogo, Banso, Obo-Kwahu, Kwahu Obomen, Apromaase, Akyem Apapam, Tikurom, Kaase, Apagya, Bompata, Kwaso, Akyease, Manso Agorɔyesum, Manso-Mmem, Manso-Abodom, Gomoa Ohua ne Nyinahene.[2]

Ahemfoɔ a wɔdɔm Asona abusua

[sesa]

Ahemfoɔ a wɔdɔm Aduana abusua ne:[3]

  • Akwamuhene (Akwamufie)
  • Takyimanhene  
  • Assumnnyahene  
  • Kumawuhene  
  • Dormaahene  
  • Boamanhene  
  • Agogohene  
  • Denyaasehene  
  • Awua-Domasehene  
  • Tikuromhene  
  • Kumase Apagyahene
  • Nsuatrehene  
  • Drobohene  
  • Bompatahene  
  • Manso Memhene  
  • Kadehene - Akyem  
  • Obohene
  • Obomenghene    
  • Kwahu  Asamankesehene  
  • Kwaasohene  
  • Kwaamanhene

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 https://akannews.com/akan-mmusuakuo-ahodo%c9%94-no-w%c9%94n-abak%c9%94s%c9%9bm-ne-%c9%9bmu-ns%c9%9bm-binom/
  2. https://web.archive.org/web/20110711034925/http://asanteman.freeservers.com/custom.html
  3. http://www.asanteman.org/aduana.html