Adidibea
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Adidibea
pronounciation of "Adidibea" (help·info) yɛ beaɛ bi a nnipa kɔ hɔ kɔdidi. Na mpɛn pii no yɛhunu no wɔ Atɔeɛ fam[1] wɔ Ghana man mu a ɛhɔ na nnipa dodoɔ tumi hyia didi nonom nsa.[2]Yɛdi nnuane ahodoɔ wɔ apotɔwea mu wɔ adidibea hɔ.[3] saa adidibea yi mu pii no ara wɔ nsaden a wɔde ka nnuane no ho, ɛmu kakraa bi na ɛyɛ Borɔni nsa.[4] ɛyɛ amammerɛ ahyɛnsodeɛ ma Ghanafoɔ beberee titire ne wɔn a wɔfiri Ghana Atɔeɛ fam no. Na ɛyɛ deɛ ɔmanfoɔ no pɛ yie pa ara. Adeɛ baako a ɛma saa adidibea yi da mu soronko ne edin ahodoɔ a wɔde atoto soɔ a ɛbi ne "don't mind your wife chop bar" ɛna ɛbi nso ne "bush canteen".[5][6][7]

Abɔseɛ
[sesa]Yɛnyaa asɛmfua 'Chop' de firii sɛdeɛ Ghanafoɔ ka asɛmfua 'didi' wɔ Pidjin[4] kasa mu anaa wɔtwitwa nsɛmfua so tiawa wɔ wɔn kasa mu ɛna 'Bar' nso yɛ baabi a yɛhyia didi ɛno nti na ɛmaa yɛnyaa asɛmfua Chop Bar.[5] Chop Bar ahodoɔ no ara tontɔn nnuane a yɛyɛ no wɔ ɔman Ghana a ɛbi ne Fufuo, Banku, Konkonte ne Ɛmotuo ( a yɛka no borɔfo mu sɛ Rice balls) ɛne nkwan ahodoɔ pii nso.
Nnuane ahodoɔ a wɔtɔn wɔ Chop Bar
[sesa]FUFUO
[sesa]Fufuo(
pronunciation of "Fufuo" (help·info)) anaa fufu, foofoo, foufou yɛ Abibirem atɔeɛ fam aduane a agye din pa ara. Wɔ Twi kasa mu no, fufuo kyerɛ "aduane" mmienu a wɔayam anaa wɔasi abɔ mu ma ayɛ mmrɛ. Wɔ Ghana no, fufuo yɛ Akanfoɔ aduane titirie. Wɔdi fufuo wɔ Abibirem aman pii so nso. Wɔde bankye ne borɔdeɛ anaa mankani a wɔanoa na ɛbɔ mu yɛ ɛma no bɛyɛ fufuo.[8] Yɛde wɔma ne waduro na ɛwɔ fufuo. Sɛ yɛwɔ fufuo wie a, yɛde nkwan bi te sɛ nkrakra, Abɛnkwan, nkatenkwan ne abunaabunu na ɛdi. Wɔ Abibirem atɔeɛ fam no, aman foforɔ bi so no, wɔde mako a wɔatwi, nkruma frɔeɛ anaa frɔeɛ afoforɔ na ɛdi fufuo.[9]
Mmeaɛ a wɔdi fufuo
[sesa]Wɔdi fufuo wɔ aman a ɛwɔ Abibirem atɔeɛ fam ne aman a ɛwɔ Abibirem mfinimfini so.[10] Ɛka Ghana ho no, wɔdi fufuo wɔ aman ahodoɔ yi so:Sierra Leone,Guinea Liberia, Cote D'Ivoire, Benin, Togo, Nigeria,Congo ,Cameroon, the Central African Republic, Angola,Gabon, ne Caribbean.
Sɛnea wɔnoa aduane yi
[sesa]Fufuo
[sesa]Wɔnoa bankye ne borɔdeɛ anaa mankani no wie a, wɔwɔ bankye dodoɔ a ɛne borɔdeɛ anaa mankani dodoɔ yɛ pɛ pɛnkoro.[11] Wɔtumi nso de nsuo fra bankye sam, borɔde sam anaa mankani sam ka wɔ gya so. Fufuo a wɔfa saa kwan yi so yɛ no, wɔtaa de nkwan na ɛdi.Nkwan no bi ne abɛnkwan,nkatenkwan,nkrakra ne abunabunu. Wɔ Nigeria ne aman foforɔ bi a ɛwɔ Abibirem ha no, wɔde bankye mmɔre a Nigeriafoɔ frɛ no " Akpu" na ɛyɛ fufuo no. Wɔde nkwan anaa frɔeɛ na ɛdi saa fufuo yi. Wɔtumi de ɛsiam afoforɔ te sɛ semolina, aburo sam anaa borɔdeɛ sam si bankye sam ananmu.
BANKU
[sesa]
Banku (
pronunciation of "Banku" (help·info)) yɛ tete din a yɛnyaeɛ wɔ Ga-Dangme(Ga) kasa mu. Na wɔnya firii aburo mmɔle ne bankye mmɔle a wɔde asi hɔ nna kakra ama no aburu na wɔaka afra, aka no wɔ egya so abobɔ no kama. Ga-Dangme kasa mu na yɛnyaa saa din no firiiɛ. Yɛwɔ sɛdeɛ wɔsi ka saa din a ɛne no sɛ nanso ne nkyerɛaseɛ nyɛ pɛ wɔ kasa no mu, ebi ne inku(ma nkuu wɔ Ho kasa mu), Ashanku(ma sɛdeɛ wɔde borɔdeɛ yɛ aduane bi a yɛfrɛ no Tatale wɔ Ga kasa mu), ne afoforɔ a n'awieɛ yɛ "ku". Banku da nso firi akplɛ ho (aduane a ɛyɛ Anwonafoɔ na ɛdi).[12][13] Wɔde di nkwan, nkruma frɔeɛ anaa mako ne nsuom-nam. Mpɛn pii no nnipa a ɛwɔ Ghana anaafoɔ fam na ɛpɛ saa aduane yi; Anwonafoɔ, Fantefoɔ ne Ga-Dangmefoɔ, nanso mantam ahodoɔ a aka wɔ Ghana no nso di saa aduane no. Wobɛtumi ahunu Banku wɔ Ghana afanaa nyinaa, ɛwom sɛ Anwonafoɔ na ɛdi saa aduane no paa deɛ nanso ɛyɛ aduane baako a ɛho wɔ mfasoɔ a nnipakuo a ɛwɔ Ghana nyinaa di. Ga-Dangme (anaa Ga) wɔ kwan bi a wɔfa so ma aduane no yɛ mmerɛ ma wɔfrɛ no Banku, saa nso na Fantefoɔ nso yɛ ma no yɛ den a wɔfrɛ no ɛtsew.[14]
Nneɛma titire a wɔde yɛ saa aduane yi
[sesa][15] Ade titire a wɔde yɛ Banku yɛ aburo mmɔle ne bankye mmɔle, nkyene ne nsuo a ɛda nso firi nnoɔma a yɛde yɛ akplɛ ho. Nsonsoneɛ da sɛdeɛ yɛsi yɛ Banku ne akplɛ mu nanso sɛ wobobɔ ne mmienu a ɛsɛ yie paa ara.[16] Yɛde yɛ nsa na edie.[17] Mpɛn pii no yɛde akplɛ di nkruma nkwan a yɛfrɛ no "Fetri Detsi" a Anwonafoɔ na ɛdi.[18]
Ɔkwan a wɔfa so yɛ saa aduane yi
[sesa]Sɛ woreyɛ mmɔle no a ɛfa mmerɛ pii. Wobɛdwa bankye na woatwitwa de afra aburo de agu nsuom ama adeɛ akye. Wobɛsɔne nsuo no afiri mu na woakɔyam bankye no ne aburo no ama no afe fekɔfekɔ. Nea ɛdi so wɔ ne yɛ mu ne sɛ wobɛfete mmɔle no ama no aburu anaa sɛ ɛbɛsi hɔ nna kakra.[19]Afei wobɛhono aburo mmɔle no ne bankye mmɔle no dadesɛn mu. Ma no gya kakra na num kɔpem sɛ ɛbɛhuru. Kɔso ara num kɔpem sɛ ɛbɛyɛ den. Afei na wode wo bankuta no aka saa ama no ayɛ fekɔfekɔ a aba biara nnim. Sɛ ɛfe a na woapepa dadesɛn no ano kamakama. Fa nsuo gu mu ma ɛnyɛ sɛnea ɛrekata aduane no so na kata so ma no nhuru, na hwɛ sɛ aduane no baabiara ahuru a. Fa bankuta no ka banku no fra nsuo no. Kɔso ara ka saa fa nsuo gu mu kɔpem sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ na aben yie. Fa kyɛnsen ketewa bi te bi gu kyɛnsen foforɔ mu na bobɔ. Te banku no saa ara kɔpem sɛ ne nyinaa bɛsa afiri dadesɛn no mu. Wobɛtumi de adi nkwan biara a wopɛ, abomu anaa mako a yatwi ne nam anaa nsuomunam biara a wopɛ.
Ɛmotuo
[sesa]
Ɛmo tuo(
pronounciation of "Omo tuo" (help·info)) (rice balls) yɛ Ghanafoɔ aduane a wɔde ɛmo na ɛyɛ. Mpɛn pii no wɔde ɛmo a ɛmu abubu anaa ɛmo atenten a wɔahyɛda abubu mu ama no ayɛ nketenkete na ɛnoa. Wɔde nsuo pii na ɛnoa saa ɛmo yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛmo no bɛben no na ayɛ mmerɛ pa ara. Ɛno akyi no wɔka ɛmo no ma ɛyɛ nkuruwankruwa te sɛ bɔɔlo.Wɔ Ghana no wɔde nkatenkwan anaa abɛnkwan na ɛdi ɛmotuo. Wɔ Nigeria no wɔde nkruma nkwan bi a wɔfrɛ no miyan kuka na ɛdi.
Sɛnea wɔyɛ no
[sesa]
Mpɛn pii no wɔde ɛmoo a abubu nketenkete anaa sɛ ɛmoo a ɛwowa a yabubu mu ama no ayɛ nketenkete na ɛyɛ. Yɛde nsuo bebree na ɛnoa ɛmoo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ mmerɛ. Yɛka ɛmoo no mano yɛ fekɔfekɔ, sɛ wowie a na woabobɔ no kurukuruwa sɛdeɛ wopɛ no.[20] Wɔ Ghana no yɛde di nkwan bi te sɛ nkatenkwan anaa sɛ abɛnkwan. Wɔ Nigeria no wɔde "miyan kuka"(kyenkase nkwan) ka ho di.[21][22]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ "Chop bar operators urged to register and collect VAT". www.ghanaweb.com. Retrieved 2019-06-10.
- ↑ "Let's Go Eating At A Tema Chop Bar". Modern Ghana. 2008-10-22. Retrieved 2019-06-10.
- ↑ Hugon, Philippe; Farrugia, Caroline (1989). The Informal Sector: Women and Development Planning in Africa. Division of Studies for Development, Unesco.
- 1 2 Online, Peace FM. "It's Easy For A Foreigner To Be Confused By The Words 'CHOP BAR'". www.peacefmonline.com. Retrieved 2019-06-10.
- 1 2 "The Wonderful Ghanaian CHOP BAR Experience". GhanaCelebrities.Com. 2014-09-25. Retrieved 2019-06-10.
- ↑ Frimpon, Kwame (June 2010). The Boy in the Oversized Smock: School Memories in Living Color. Xlibris Corporation. ISBN 9781450077590.
- ↑ King, L. K.; Awumbila, B.; Canacoo, E. A.; Ofosu-Amaah, S. (2000-07-21). "An assessment of the safety of street foods in the Ga district, of Ghana; implications for the spread of zoonoses". Acta Tropica. 76 (1): 39–43. doi:10.1016/S0001-706X(00)00087-5. ISSN 0001-706X. PMID 10913764.
- ↑ https://www.fao.org/3/a0154e/A0154E02.htm
- ↑ https://www.britannica.com/topic/fufu
- ↑ https://www.fao.org/3/a0154e/A0154E07.htm
- ↑ https://www.fao.org/3/y5548e/y5548e08.htm
- ↑ A Grammatical Sketch of the Akra or Ga-language - By Johannes Zimmermann, (2) Online Reference By J DZeagu-Kudjodji and Others.
- ↑ Haard, N.F. (1999). Fermented Cereals: A Global Perspective. FAO agricultural services bulletin. Food and Agriculture Organization of the United Nations. p. 37. ISBN 978-92-5-104296-0.
- ↑ Banku". ifood.tv/. Future Today Inc. Retrieved 14 February 2015.
- ↑ online reference, by J Dzeagu-Kudjodji and others ;
- ↑ Annan, Dorcas Aba. "Akple & Ground Pepper with Grilled Tilapia". Archived from the original on 14 February 2015. Retrieved 14 February 2015.
- ↑ Edwards, E.; Gosden, C.; Phillips, R. (2006). Sensible Objects: Colonialism, Museums and Material Culture. Wenner-Gren International Symposium Series. Bloomsbury Publishing. p. 50. ISBN 978-1-84788-315-5.
- ↑ Ghana: Okro Stew". 196 flavors. 2019-06-26. Retrieved 2020-03-09.
- ↑ "Ghana: Banku". 196 flavors. 2019-06-25. Retrieved 2020-06-01.
- ↑ "Ghana Food Rice". ghanaweb.com. Retrieved 4 October201
- ↑ "Ghana: Omo Tuo". 196 flavors. 2019-06-29. Retrieved 2019-12-31
- ↑ Gracia, Zindzy (2018-03-01). "How to prepare banku". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2021-05-15.