Jump to content

Adeyɔ Mu Kyerɛfoɔ (Adverb)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adeyɔ mu Kyerɛfoɔ yɛ asɛmfua anaa nsɛmfua bi a wɔde kyerɛkyerɛ adeyɛ asɛm bi mu wɔ ɔkasamu bi mu.[1] Saa ɔkyerɛfoɔ yi dwumadie ne sɛ, ɛkyerɛ faako a wɔyɛ biribi a, berɛ a wɔyɛ biribi, adeyɔ no yɔbea, adeyɔ no anoɔden ne deɛ ɛkeka ho.[2][3]

Nhwɛsoɔ; bɔkɔɔ, ntɛntɛm, koraa, dodo, paa, kwa ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[4][5][6][7]

Adeyɔ Mu Kyerɛfoɔ Nkyekyɛmu

[sesa]

Adeyɔ mu kyerɛfoɔ gu ahodoɔ nsia.[8]

Yeinom ne;

Beaeɛ Kyerɛfoɔ

[sesa]

Ɛyɛ ɔkyerɛfoɔ a ɛkyerɛ faako a adeyɛ bi kɔ so anaa sɛ wɔyɛ biribi. Nhwɛsoɔ;

  • M'asoma Kwaku wɔ kurom.
  • Ɔkɔ dwom.
  • Ɔwɔ no kaa no mfikyire hɔ.
  • Kwame da ɛdan no mu.

Berɛ Kyerɛfoɔ

[sesa]

Ɛyɛ ɔkyerɛfoɔ a ɛkyerɛ berɛ a obi yɛ biribi. Nhwɛsoɔ;

  • Aboagye bɛkɔ Kumase ɔkyena.
  • Ɔbaa ɛnora anwummerɛ.
  • Mɛkɔ Nkran ɛnnɛ.

Yɔbea Kyerɛfoɔ

[sesa]

Yɛde kyerɛ adeyɔ bi yɔbea anaa ɔkwan a obi fa so yɛ biribi. Sɛ ebia;

  • Aberewa no nante brɛoo.
  • Afuo no afu kusuu.
  • Ne ntoma no atete pasapasa.

Dodoɔ Kyerɛfoɔ

[sesa]

Yei kyerɛ mpɛn dodoɔ a ɔyɛfoɔ bi yɛ biribi anaa asɛm bi asi. Nhwɛsoɔ;

  • Ɔba ha daa.
  • Ɔkɔ hɔ awia biara.
  • Ɔbosom anim wɔkɔ no mprɛnsa.

Anoɔden Kyerɛfoɔ

[sesa]

Anoɔden kyerɛfoɔ yɛ nsɛm bi a yɛde bata anaa yɛde ka biribi fa adeyɔ bi anoɔden ho. Nhwɛsoɔ;

  • Ɔhwee abɔfra no yie.
  • Ɔdi hia buruburoo.
  • Ɔbaa no nim nyansa dodo.

Ampayɛ anaa Akyinnyegyeɛ Kyerɛfoɔ

[sesa]

Saa ɔkyerɛfoɔ yi kyerɛ sɛdeɛ yɛsi bu adeɛ bi a yɛyɛ, sɛ ɛyɛ ampa anaa akyinngyeɛ wɔ ho. Ɛbi ne; ebia, ampa, nokware,gyama, sɛsɛɛ, anhwɛ a, nyanya biara. Nhwɛsoɔ;

  • Abɔfra yi ani abue ampa.
  • Gyama Akwasi kɔ akuraa.
  • Anhwɛ a, nsuo yi bɛtɔ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Khan Academy (in English), retrieved 2025-07-23
  2. https://byjus.com/english/adverbs/ (in English), retrieved 2025-07-23 {{citation}}: External link in |title= (help)
  3. Oxford Online English (2018-06-22), Adverbs in English - Learn All About English Adverbs, retrieved 2025-07-23
  4. https://byjus.com/english/list-of-adverbs/ (in English), retrieved 2025-07-23 {{citation}}: External link in |title= (help)
  5. Adverbs: A Definitive Guide (in English), 2023-05-08, retrieved 2025-07-23
  6. Adverbs: A Definitive Guide (in English), 2023-05-08, retrieved 2025-07-23
  7. Everything You Need to Know to Master Adverbs in English | Readle (in English), retrieved 2025-07-23
  8. Eoghan Ryan (2022-10-20), What Is an Adverb? Definition, Types & Examples (in American English), retrieved 2025-07-23